Funtumfunefu Denkyemfunefu
Nkyerɛase ne Nyansapɛ mu mfasode a yɛnya firi funtumfunefu ne Dɛnkyɛmfunefu mu
[sesa]Funtumfunefu ne Dɛnkyɛmfunefu gyina hɔ ma nneyɛe bi a yɛtaa hu no wɔ anansesɛm mu. Na egyina hɔ ma adɛnkyɛm baanu bi a wɔn yafunu bɔ mu nanso wɔn ti yɛ abien. Yɛbɛtumi aka sɛ wɔyɛ ntaa a wɔbom biako. Saa ahyɛnsode yi gyina hɔ ma nkabomde wɔ akwan ahorow pii so. Ahyɛnsode yi san gyina hɔ ma hyɛbrɛ biaako, ɛne sɛ, wonya biribi a wone wo nua bɛkyɛ. Funtumfunefu ne Dɛnkyɛmfunefu yɛ abɛbuo bi a wonyaa ahyɛnsode yi firi mu. Ase Kyerɛ ne sɛ, saa adɛnkyɛm baanu yi a wɔn yafunu bom nanso ɛsono obiara ti nko no, sɛ wonya biribi a wɔfom efisɛ mpanyin se ''aduane ne dɛw no wɔte no menetwitwiw mu''.[1][2][3]
Nea Ɛfa Wɔn Din ne N'akyerɛw ho.
[sesa]Wallies frɛɛ saa ahyɛnsode yi Funtumfunefu-Dɛnkyɛmfunefu.
Ratray nso frɛɛ no Funtumfrafu-Dɛnkyɛmfrafu. Eyi no ɔhwɛɛ abɛbuo nkyerɛase a ɛwɔ edin no mu na ɔdefrɛ no saa. Mprenpren de yɛnnya nhunuu beae pɔtee a saa edin nkyerɛwee yi fi bae na mmom nea odii kan kyerew din yi yɛ Madonald Esien sɛ, eyi ne nkyerɛwee a edi kan bae na ahyitaw baabiara no nti ɛno na wɔagye ato mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa dodow no ara rehwehwɛ a wɔbɛhunu.
Baabi a Mmoa Fi
[sesa]- ↑ Nana Kwabena (2020-09-15), Funtumfunefu Denkyemfunefu (in English), retrieved 2025-05-24
- ↑ Nana Kwabena (2020-09-15), Funtumfunefu Denkyemfunefu (in English), retrieved 2025-05-24
- ↑ Adinkra Funtunfunefu Denkyemfunefu - Unity in Diversity (in English), 2024-09-14, retrieved 2025-05-24