From Global Open Initiative to Everyone: 11:21 AM Wikimedia Foundation ten 2030 Strategy Recommendations Translated text in Twi

Ɛfi Wikipedia

1. Ma ekuo yi ntintim yie[sesa]

Yɛyɛ nnipa a ekuo yi gyina yɛn so na atintim yie

  • Hunu na hwɛ wɔn a wɔatu wɔn ho akyɛ (wɔn a wɔwɔ mu dada ne afoforɔ) no ahiadeɛ
  • Pɛ kwan a wobɛtumi afa so anya sika wɔ borɔno a wowɔ so no - ɛkwan foforɔ a wobɛnya sika de adi dwuma ahodoɔ
  • Bɔ ekuo yi ho dawuro yie
  • Fa wo ho bɔ afoforɔ a wɔde wɔn nimdeɛ ne sika bɛboa ekuo yi, te sɛ API sɛdeɛ ɛwɔ yɛn mmara mu no

2. Ma wɔn a wɔde redi dwuma no ani nnye ho yie[sesa]

Worehwɛ sɛdeɛ wɔde yɛn nnoɔma di dwuma ne sɛdeɛ wɔbɛnya bi ne sɛdeɛ yɛbɛtumi apagya yɛn mmɔdemmɔ mu berɛ ano berɛ ano

  • Fa wo ho hyɛ aboafoɔ ne ne mpuntuo akuokuo ɛwɔ UX nhwehwɛmu ne ne trɛ no mu
  • Hwehwɛ nnipa ne mfidie dodoɔ a, ɛde redi dwuma
  • Deɛ afoforɔ no bɛnya
  • Ɛkwan a obi nsa bɛka nnoɔma no bi gyinabea
  • Mfeɛ nkyekyɛmu, atwerɛ gyinabea, dwumadie ne kasa a ɛkɔ baabiara akadeɛ

3. Bambɔ ne sɛdeɛ obi bɛba abɛka ho[sesa]

Bambɔ ne sɛdeɛ obi bɛba abɛka ho

  • Ɛne akuokuo no nhyehyɛ mmara a ɛbɛkura mo
  • Bɔ amaneɛ berɛ a woremmɔ obi din
  • Bambɔsɛm ne agyinaeɛ a yɛretu te sɛ deɛ yɛbɛnya mmuaeɛ hyewhyew
  • Ekuo no bambɔ wɔ borɔno a wowɔ so no so - akadeɛ, sɛdeɛ wɔ a wɔka ho no hia
  • Wɔrema kwan ama obiara nkyerɛ n'adwene

4. Wɔma obiara dwumadie wɔ agyinatuo biara ne agyapadeɛ biara kyɛ mu[sesa]

Yɛrekyekyɛ obiara dwuma a ɔbɛdie ɛne ɛho akontabuo ɛwɔ agyinasie ɛne akadeɛ kyekyɛ mu

  • Wɔmma wɔn a wɔbɛgyina mu ama borɔno biara wɔ aman ahodoɔ nhyiamu mu
  • Wɔmma borɔno biara nnya ne kyɛfa wɔ agyapadeɛ biara mu
  • Atwerɛ a ɛkura ekuo no mmara ne ho nsɛm nyinaa
  • Aman ahodoɔ agyinatufoɔ
  • Mantam ne beaeɛ nyinaa bɛba abɛhyia
  • Dwumadie ahodoɔ a ɛda hɔ ma ekuo no nsiananmufoɔ

5. Yɛreboaboa wɔn a wɔwɔ adwuma no mu kyɛfa nyinaa ano[sesa]

Yɛrebie kwan ama nkitahodie a ɛdi mu ɛne ayɔnkofa a, ɛnam anamɔntuo so na yɛne wɔn a wɔwɔ adwuma yi mu kyɛfa, wɔn a wɔwɔ mfidisɛm mu nimdeɛ kyɛfa ɛne wɔn a aman mpuntuo da wɔn akoma so.

  • Nyinasoɔ a ɛyɛ asɛdeɛ ɛne asodie a ɛmu da hɔ fann
  • Sɛ yɛbɛboaboa akadeɛ a ɛboa ma yɛtumi di dwuma nyinaa ano
  • Amanebɔ nsɛm a ɛfiri ɔbaako hɔ de rekɔ ɔfoforɔ hɔ a ɛmu dɔ, adesua a ɛkɔ nkan ɛne nimdeɛ a ɛfiri ɔbaako hɔ de rekɔ ɔfoforɔ hɔ

6. Sɛ yɛde yɛn sika bɛboa atete animdefoɔ a wɔwɔ nimdeɛ ne nhunumuu ɛne ɔkannifoɔ mpuntuo[sesa]

Sɛ yɛbɛyi mfidisɛm mu nimdeɛ ɛne nhunumuu a ɛwɔ ankorankorɛ ɛne nnwumakuo mu apue

  • Akwan a amansan nam so a ɛyɛ kann ɛne ɔmanfoɔ no ahiadeɛ a, yɛnam nhwehwɛmu so ahunu.
  • Nhyehyeeɛ a ɛho hia ma nimdeɛ ɛne nhunumuu ahodoɔ a ɛho bɛhia ama anamɔntuo a yɛbɛtu ama yɛn

anisoadehunu aba mu.

  • Sɛ yɛnam amansan kwan so bɛhyehyɛ paninnie mpuntuo ho dwumadie.
  • Abɛɛfo kwan so adesua, ɔyɔnkoɔ-ne-ɔyɔnkoɔ ayɔnkofa ɛne kasahodoɔ.
  • Nkaeɛ ɛne nkuranhyɛdeɛ a ɛhia ma nimdeɛ ɛne nhunumuu mpuntuo.
  • Sɛ yɛbɛhwehwɛ wɔn a wɔwɔ nimdeɛ pɔtee bi ɛne wɔn a wɔde wɔn nimdeɛ bɛtete afoforɔ.

7. Sɛ yɛbɛkorakora yɛn-ho-yɛn-ho nimdeɛ[sesa]

Sɛ yɛbɛkyɛ nimdeɛ a ɛwɔ yɛn mu a, ɛyɛ ayɔnkofa a ɛyɛ papa na yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu.

  • Ɛhia ma adwuma no mpuntuo, sɛ ɛmu bɛda hɔ na ama ankorankorɛ ɛne nnwumakuo mpuntuo a ɛyɛ pɛpɛɛpɛyɔ asi pi.
  • Sɛ yɛbɛda ɛsu pa bi adi a ɛnam so bɛma yɛn ani aku nkrataasɛm ho dwumadie
  • Nimdeɛ mu kyɛfa a ne nnyinasoɔ yɛ akadeɛ a ɛboa ma adesua kɔ so yie ma adwumakuo no nyinaa
  • Adwumayɛfoɔ a wɔwɔ atuhoakyɛ ma dwumadie yi; wɔn a wɔboaboa na wɔsɔnesɔne nsɛm so, wɔn a wɔn dwumadie ne sɛ wɔbɛma yɛahunu deɛ ɛrekɔ so ɛberɛ-ano-ɛberɛ-ano ne deɛ ɛkeka ho

8. Asɛntitire a ɛho ɛwɔ mfasoɔ[sesa]

Sɛ yɛbɛte aseɛ sɛ yɛn dwumadie mu nsɛm bɛnya nsunsuansoɔ papa ɛwɔ nnipa so ɛne sɛdeɛ yɛbɛtumi de adi dwuma (anaa ne dwumadie no bɛtra so ɛwɔ ɛwiase)

  • Sɛ womfa wo nsa nkɔka wɔn a wɔatu wɔn ho akyɛ no fahodie
  • Akwan a wobɛfa so adi sintɔ a ɛwɔ dwumadie ho dwuma ɛne sɛ wobɛpere sɛ nkorɔfoɔ bɛyɛ nnoɔma foforɔ
  • Sɛ wobɛte ɔhaw kɛseɛ a ɛwɔ amanebɔ mu a ɛnyɛ turodoo a, ɛwɔ yɛn dwumadie mu
  • Ma nnoɔma a ɛbɛboa ama dwumadie no asi pi no ho nhia wo.
  • Ɛne wɔn a wɔwɔ nimdeɛ ɛfa ade pɔtee no ho nni dwuma.

9 . Anamɔntuo foforɔ a ɛbɛboa ama nkorɔfoɔ anya nimdeɛ a biribiara nsi ɛho kwan.[sesa]

Sɛ yɛbɛhunu na yɛatrɛ nimdeɛ a biribiara nsi ɛho kwan no ho dwumadie, na ɛmu nsɛm no bɛma yɛn dwumadie asi pi, na yɛbɛfa akwaniasa so atu mpɔn, na yɛbɛhwɛ sɛ yɛn hinhim ɛwɔ yɛn anisoadehunu mu ɛne nhyehyɛeɛ a ɛnam akwankyerɛ so.

  • Yɛnam nnipakuo so bɛhunu sintɔ a ɛwɔ nimdehwehwɛ mu.
  • Yɛbɛbɔ anamɔn bi ato hɔ ɛde ama dwumadie foforɔ ɛne nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ nimdeɛ mu.
  • Sɛ yɛbɛyɛ akadeɛ na yɛbɛhwehwɛ ayɔnkofa a ɛbɛma nkorɔfoɔ nsa aka nimdeɛ a biribiara nsi ɛho kwan no wɔ akwaniasa so.

10. Sɛ woredwenedwene biribi ho na wahunu ɛmu mfasoɔ, na watɔ akɔ so ayɛ no biom ama no afa[sesa]

Sɛ wobɛma w'ani aba wo ho so ɛwɔ adwumakuo no mu na wobɛma w'ani aku w'adwuma no ho, ahwɛ ayɛ nhyehyɛeɛ mapa de ama ‘Movement Strategy' ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduasa mu(2030)

  • Akadeɛ ɛne nimdeɛ pɔtee a ɛgyina hɔ ɛde ma nhwehwɛmu ɛne ɛmu mfasoɔ
  • Dodoɔ asɛdeɛ ɛne yɛn-ho-yɛn-ho nkontabuo ɛhia ma adwumakuo no mu nnipa nyinaa.
  • Sɛ wobɛtumi de w’ani adi dwumadie akyi, ayɛ ɛmu nhwehwɛmu mapa ahunu ɛho mfasoɔ, adi ne mpuntuo ho nkɔmmɔ ma aboa ma adesua akɔ so.