Fred Nuamah
Fred Nuamah | |
|---|---|
| Awo bere | Frederick Kwaku Nuamah November 5, 1975 |
| Ne man | Ghanaian |
| N'adwuma | Sinitwani
|
| Yɛnim no sɛ | The Game (2010 Sini), Pool Party, Amakye and Dede |
| Children | 1 |
Fred Nuamah (wɔwoo no Frederick Kwaku Nuamah; Obubuo 5, 1975)[1] yɛ Ghanani sinitwani, sini kwankyerɛfoɔ ne ɔyɛfoɔ a wonim no yie sɛ ɔdi dwuma wɔ sini The Game mu. Ɔno na ɔhyehyɛɛ Ghana Movie Awards & Ghana TV so dwumadiɛ Abasobɔdeɛ ne ne kwankyerɛfoɔ panin, afe afe abasobɔdeɛ ho ɔyɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ adwuma yie wɔ Ghana sini adwumayɛ mu.[2][3][4][5][6]
Abrabɔ ahyɛaseɛ
[sesa]Wɔwoo Nuamah wɔ Nkran, na ɔfiri Ada ne Obuasi, kuro bi a ɛwɔ Asante Mantam Anafoɔ fam wɔ Ghana.
Ɔnyaa din bere a ɔdii dwuma wɔ sini Matters of the Heart mu wɔ afe 1993. Ɔkɔɔ so dii dwuma a ɛboa wɔ sini ahorow a The Prince Bride, Heart of Men, Material Girl ne 4 Play ka ho mu. Wɔ afe 2010 mu no, Nuah puei wɔ The Game mu, a Abdul Salam Mumuni na ɔkyerɛɛ no kwan.[7]
Nuamah dii dwuma wɔ Amakye and Dede a wɔdii kan yii wɔ Silverbird Cinema wɔ Accra wɔ Oforisuo 26, 2016.[8]
Na ɔyɛ NDC muni na ɔyɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mmarahyɛ bagua mu ɔkannifo ma National Democratic Congress (NDC)[9] ma Ayawaso West-Wuogon wɔ Greater Accra mantam mu,[10] nanso akyiri yi wɔtwee ne ho fii primaries no mu na ɔkɔ boa John Dumelo, aberante bi a ɔyɛ ɔmanyɛfoɔ a ɔmaa no kwan sɛ onni nkongua no akyi no mu.[11] Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ abɔnten so nneɛma na enyaa ne so nkɛntɛnso na mmom ɔyɛɛ saa maa NDC biakoyɛ wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa kuw no kyerɛwfo panyin, Fifi Fiavi Kwetey.[12]
Ghana Sini Abasobɔdwɛ (Ghana Movie Awards)
[sesa]Wɔ bosome Ɔpɛpɔn da ɛtɔ so baako (1), afe 2009 no, Fred Nuamah hyehyɛɛ Ghana Sini Abasobɔdwɛ (Ghana Movie Awards) baabi a ɔwɔ dibea sɛ CEO.[13]
Sini ho mfonini a wɔapaw
[sesa]- Matters of the Heart, 1993 (Cameo Role)
- Dons in Sakawa (2009) as Bank Manager
- The Prince Bride (Supporting Role) 2009
- The Heart of Men (Supporting Role) 2009
- The Game (2010) as Jake Freeman[14]
- Material Girl (Supporting Role) 2010
- 4 Play (Supporting Role) 2010
- Temptation (Supporting Role) 2010
- 4 Play Reloaded (2010) as Barrister (Supporting Role)
- Pool Party (Supporting Role) 2011[15]
- Amakye and Dede (2016)[16][17]
Abɔnten so nkitahodi ahorow
[sesa]- Fred Nuamah at IMDb
Beaeɛ a mmoa firi
[sesa]- ↑ November 5, Fred Nuamah Full Name Frederick Kwaku Nuamah Born; Awards, 1975Nationality Ghanaian Occupation Actor Relationship Status Single Awards Not Available Organization Ghana Movie. "Fred Nuamah Biography: Age, Awards, Wiki, Trends, Net Worth, Actor" (in American English). Retrieved 2023-08-24.
- ↑ "Fred Nuamah shares photos of his son, Ghanaian wife and himself". Ghana Web. 10 June 2019. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "Ghanaian Actor Fred Nuamah Gifts Wife a Porsche". Bella Naija. 1 August 2018. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "Ghana Movie Awards Boss Graces Cannes' Red Carpet!". News Ghana. 23 May 2012. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "Fred Nuamah's "Pajamas" & Van Vicker's strange rosary on Fashion 101". Today GH. 10 February 2012. Archived from the original on 29 October 2019. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "Things must change with the Ghana Movie Awards". Graphic.com.gh. 8 December 2016. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "The Body Of A Woman Itself Is A Temple of Evil. In this Temple I Will Gladly Worship. The Game, A Must Watch Movie…." Ghana Celebrities. 12 June 2010. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "Movie Review: Amakye and Dede". Ghana Film Industry. Archived from the original on 2 April 2019. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "National Democratic Congress (Ghana)", Wikipedia (in English), 2023-06-15, retrieved 2023-08-09
- ↑ "Ayawaso West", Wikipedia (in English), 2022-04-14, retrieved 2023-08-09
- ↑ "John Dumelo", Wikipedia (in English), 2023-08-08, retrieved 2023-08-09
- ↑ "Fred Nuamah withdraws from NDC's Ayawaso". Citinewsroom - Comprehensive News in Ghana (in American English). 2023-08-08. Retrieved 2023-08-09.
- ↑ "Ladies Now Testify About Me – Fred Nuamah". Daily guide network. 20 September 2016. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "The Game, Full Cast & Crew". IMDb. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "Celebs Out & About: Photos From The Premiere Of 'Pool Party' Featuring Majid Michel & Mum + Jackie Appiah + Abdul Sallam Mumini + Yvonne Okoro + Fred Nuamah + Frank Raja Arase & TV3 Ghana's Most Beautiful Nasara…". Ghana Celebrities. Archived from the original on 29 October 2019. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "Amakye and Dede Movie To Be Premiered in UCC and KNUST This Weekend". kuulpeeps. Retrieved 29 October 2019.
- ↑ "Photos from the premiere of 'Amakye & Dede'". ameyawdebrah. Retrieved 29 October 2019.