Fihankra
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Fihankra yɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ no mu baako. Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a Akanfoɔ a wɔwɔ Ghana na wɔtaa de di dwuma pa ara. Ɛyɛ nsɛnkyerɛnne anaa ahyɛnsodeɛ a ɛgyina hɔ ma bammɔ. Ɛma yɛhunu hia a ɛho hia sɛ yɛboaboa yɛn ho. Ɛma yɛhunu sɛ, sɛ nnipakuo bi ho bɛtɔ wɔn anaa wɔn asom bɛdwo wɔn a, koryɛ di mu akotene.[1] Akanfoɔ ka fihankra a, wɔrepɛ akyerɛ biribi te sɛ fihyia. Ɛno na kwan a na Akanfoɔ fa so si wɔn abusuafie. Ɛyɛ efie bi a, obi te mu a, ɔwɔ ahotɔsoɔ nti, ɔnsuro ɛsiane sɛ obiara bɔ ne yɔnko ho ban.[2][3][4][5]
Asɛmfua ''Fihankra'' Abɔseɛ
[sesa]Yɛnyaa asɛmfua "fihankra" firii nsɛmfua mmienu mu: ''fie'' ne ''hankra''. Ɛkyerɛ fie bi a wɔasi no te sɛ hankra anaa fie a wɔasi ahyia. Ɛnnɛ yi, Ghana ha, afiafie pii wɔ hɔ a, wɔasisi no saa. Dodoɔ no ara taa yɛ abusuafie.[6]
Ne Dwumadie wɔ Akan Amammerɛ mu
[sesa]Woba Akanfoɔ mu a, abusuafoɔ taa tena bom. Yei yɛ adeɛ a wɔntumi nyi mfiri amammerɛ mu. mong the Akans, communal living is the norm. Abateteɛ mpo yɛ kuromu no nyinaa asɛdeɛ. Nyɛ abɔfra no awofoɔ nko. Yei kyerɛ kwan a Akanfoɔ fa so bɔ wɔn bra.[6]
Ne Dwumadie wɔ Abɛɛfo Berɛ yi
[sesa]Saa nsɛnkyerɛnne yi di dwuma wɔ ntaadeɛ ne adwinnie ahodoɔ. Nnwumakuo ne asoɛeɛ ahodoɔ pii de de dwuma wɔ wɔn ahyɛnsodeɛ ahodoɔ nso mu. Ghana nsiakyibaa adwumakuo bi a wɔfrɛ wɔn Donewell Insurance de saa nsɛnkyerɛnne yi di dwuma wɔ wɔn ahyɛnsodeɛ mu. Wɔde yei rekyerɛ bammɔ a wɔde bɔ wɔn a wɔne wɔn di nsawɔsoɔ. Nti, fihankra kyerɛ nkabom a ɛwɔ nnipakuo bi ntam ne bammɔ a wɔde bɔ wɔn ho wɔn ho.[7]
Baabi a Mmoa Firi
[sesa]- ↑ Chief, Adinkra (2025-03-12). "FIHANKRA – The Symbol of Security and Safety". Adinkra Symbols & Meanings (in American English). Retrieved 2025-04-24.
- ↑ "Adinkra Symbols - Adinkra Meanings - Graphic and Meanings of Adinkra Symbols" (in American English). 2020-10-23. Retrieved 2025-04-24.
- ↑ Mohamed, Bushra (2021-05-17). "Finhankra: could the traditional compound house answer today's needs?". www.ribaj.com (in English). Retrieved 2025-04-24.
- ↑ "Donewell". Donewell (in English). Retrieved 2025-04-24.
- ↑ Mohamed, Bushra (2021-05-17). "Finhankra: could the traditional compound house answer today's needs?". www.ribaj.com (in English). Retrieved 2025-04-24.
- 1 2 Kwabena, Nana (2020-09-15). "Fihankra". Adinkra Symbols & Meanings (in English). Retrieved 2025-04-24.
- ↑ "Donewell". Donewell (in English). Retrieved 2025-04-24.