Fatimatu Abubakari

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Fatimatu Abubakar yɛ Ghana mmarahyɛbedwanii, amanyɔnii na ɔsane yɛ nnwuma bebree. Ɔyɛ ekuoba wɔ ɔsono amanyɔkuo"New patriotic party" mu na ɔsane nso yɛ mprempren yi ɔsoafoɔ abɛdiakyire wɔ nkitahodie kyerɛkyerɛfoɔ ma Ghana manpanin.[1][2]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nnwomasua.[sesa]

Wɔwoo Abubakar wɔ Kumase a ɛwɔ Asante Mantam. Ɔwiee Suapɔn wɔ University of Ghana a ɔnyaa ne nkrataa wɔ adwene mu ne Ngreesi kasa mu. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu,berɛ a na ɔrekɔ ne suapɔn sukuu wɔ University of Ghana no, ɔsom sɛ ɔmanpanin abɛdiakyire wɔ "Akuafo Hall Junior Common Room" ɛna ɔsane kɔpree ɔtwerɛtwerɛfoɔ maa "National Union of Ghana Students" wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mu.[3]

Nnwuma ne amanyɔsɛm abrabɔ.[sesa]

Na ɔyɛ ɔsoafoɔ abɛdiakyire a ɔma nkaebɔ firi Ayɛwohomummɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu baako. Wɔ ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu no ɔmanpanin Nana Addo Dankwa Akuffo-Addo yii no sɛ ɔsoafoɔ abɛdiakyire wɔ"Flagstaff house" sɛ nkitahodie kyerɛkyerɛfoɔ.[4] Wɔ ne yie mu no, ɔyɛɛ adwuma wɔ "Lansdown Resort, Danquah Institute ne SRM Engineering"[5]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. https://www.modernghana.com/news/757231/akufo-addo-appoints-deputy-communications-director.html
  2. https://www.myjoyonline.com/akufo-addo-appoints-deputy-communications-director/
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/PPG-CONGRATULATES-MS-FATIMATU-ABUBAKAR-514206
  4. https://www.myjoyonline.com/
  5. "Akufo-Addo appoints Deputy Communications Director". Modern Ghana. Retrieved 2020-05-25.