Fante Trio
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Fante Trio yɛ concert party kuo a wɔtee no ɔman Ghana mu wɔ 1950s berɛ no mu hɔ. Edin foforɔ a na wɔsan de frɛ kuo yi ne "Kumasi Trio" .[1]Ɛyɛ kuo a na wɔn dwumadie titire pa ara ne sɛ wɔbɛyi mpasere ama nnipa ani agye. Ɛno nti na wɔhyɛ da kɔ nkuro ahodoɔ so kɔbɔ dwa yi mpasere ma nnipa bɛtua sika hwɛ wɔn. Ɛsiane na mpasere ne adeɛ titire a na wɔyɛ no nti, na nwomtoɔ nnyɛ adeɛ a wɔyɛ. Sɛ mpo sɛ wɔbɛto nwom wɔ wɔn agorɔ ase a, na wɔn mu bi na ɔpɛ sɛ ɔtoɔ anaa sɛ wɔn ara na wɔpɛ sɛ wɔyɛ ma agorɔ no ase yɛ dɛ. Wɔn dwumadie a na wɔdi nti ɛmaa wɔbɛgyee din pa ara wɔ ɔman Ghana mu.[2]
Farebaeɛ
[sesa]Wɔtee Fante Trio wɔ afe 1952 mu a ɛyɛ Bob Frick Thompson, John de Heer ne Samuel Fletcher na wɔtee saa kuo yi berɛ a na kuo bi a wɔfrɛ wɔn Axim Trio regu no. Wɔn dwumadie a na wɔdi ara ne sɛ wɔbɛyi mpasere ama nnipa asere. Na wɔbɔɔ wɔn ho mmɔden pa ara wɔ Ghana anigyeɛ kuo no mu. Wɔ 1954 mu no, na wɔdi wɔn dwuma wɔ Nkran. Na kuo no wɔ nnipa mmiɛnsa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden pa ara a wɔn ne; Kwame Asare( a ɔbɔ nsankuo), H.E Biney (a ɔbɔ nsankuo) ne Kwah Kanta (a ɔbɔ twene).[3][4][5] Saa nnipa yi na sɛ ahwɛgorɔ no rekɔ so a wɔbɔ nwom de fa aseɛ ma wɔn a wɔreyi mpasere ne ahwɛfoɔ no.
Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Kumasi Trio: The famous Fanti Guitar and the originators of Highlife music – Everything Fante, retrieved 2025-07-05
- ↑ Fante | West African, Akan, Ghana | Britannica (in English), retrieved 2025-07-05
- ↑ Kumasi Trio - Fanti Guitar in West Africa 1928, Vol. 1 (in English), 2015, retrieved 2025-07-05
- ↑ Kumasi Trio – Fanti Guitar in West Africa 1928, Vol. 1 – New LP, retrieved 2025-07-05
- ↑ Kwaa Mensah & His Fanti Trio, Sokoo Na Maa Mope (ca 1975), retrieved 2025-07-05