Jump to content

Eudora Christina Dadson

Ɛfi Wikipedia

Her Ladyship Justice Eudora Christina Dadson yɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no Temmufoɔ[1][2][3] na mprempren ɔhwɛ Nnipa Hokwan Ho Dwumadibea a ɛwɔ Asɛnnibea Kunini no anim wɔ Accra[2]. Wɔpaw no sɛ ɔnkɔ bench no so wɔ December 2019 mu, baabi a na wadi kan ayɛ Acting Deputy Registrar (Legal Services) wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST)[4].

Nhomasua

[sesa]

Ɔtemmufoɔ Dadson nyaa ne Bachelor of Laws (LLB) abodin krataa wɔ Ghana Suapɔn mu. Ɔkɔɔ Ghana Mmara Sukuu mu baabi a ɔnyaa ne Barrister at Law professional certificate, a ɛmaa ɔfata sɛ Barrister ne Solicitor wɔ Supreme Court of Ghana[4]. Akyiri yi onyaa ne Master’s degree wɔ Development Policy ne Planning mu wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology wɔ afe 2019 mu[4].

Adwuma

[sesa]

Ɔhyɛɛ n’adwuma ase wɔ sukuupɔn sohwɛ mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so wɔ Oforisuo 2010 mu baabi a wɔpaw no sɛ Ɔkyerɛwfoɔ Boafoɔ[4]. Ɔdaa no adi sɛ ne ho akokwaw soronko na wɔmaa no dibea sɛ Ɔkyerɛwfoɔ Boafo Panyin wɔ Ɔbenim 2010 mu baabi a ɔsom wɔ Mmara ne Yiedie Dwumadibea no mu. N’akannifoɔ su nti na wɔpaw no sɛ Ɔkyerɛwfoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Suapɔn no Mmara ne Yiedie Dwumadibea so wɔ Ɔpɛpɔn 2016 mu[4][5].

Wɔ Kɔtɔnimaa 17 2019 no, Kanee Ɔmampanyin Nana Addo Dankwa Akufo-Addo kaa ntam sɛ Awuraa Eudora Christiana Dadson sɛ ɔmmɛyɛ Ghana Asɛnnibea Kunini no Temmufoɔ wɔ Jubilee House[3][6][7][8][9]. Sɛ Asɛnnibea Kunini no Temmufo no, wadi asɛnnibea no akuw ahorow anim, a Abusua Mmara Dwumadibea ne mprempren Nnipa Hokwan Ho Dwumadibea a ɛwɔ Accra ka ho[10][11].

Baabi a meyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Superlaw Admin, admin (2024-10-07), JUSTICES OF THE HIGH COURT - AS AT OCTOBER 2024 - (in British English), retrieved 2026-03-21
  2. 1 2 Accra – GhaLII, retrieved 2026-03-21
  3. 1 2 "Akufo-Addo to swear in 40 judges today", GhanaWeb (in American English), 2019-12-17, retrieved 2026-03-21
  4. 1 2 3 4 5 Head of Legal Services appointed High Court Judge | Registrar's Offices, retrieved 2026-03-21
  5. Three KNUST Deputy Registrars Appointed Registrars of various Universities | Registrar's Offices, retrieved 2026-03-21
  6. High Court Judges, retrieved 2026-03-21
  7. BusinessGhana, retrieved 2026-03-21
  8. Akufo-Addo swears in 46 judges (in English), 2019-12-17, retrieved 2026-03-21
  9. Don’t Be Corrupt — Akufo-Addo Cautions New Judges (in English), retrieved 2026-03-21
  10. Eight years on, state seeks settlement in Latif Iddrisu police assault sase - The Herald ghana (in American English), 2026-02-17, retrieved 2026-03-21
  11. Latif Iddrisu vs. IGP trial delayed again as state says police witness is unavailable - MyJoyOnline (in American English), retrieved 2026-03-21