Jump to content

Eucharia Oluchi Nwaich

Ɛfi Wikipedia

Eucharia Oluchi Nwaichi yɛ Nigeriani a ɔyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho ɔbenfo, asase ho nyansahufo ne awuduru ho ɔbenfo.

Nhwehwɛmu a n’ani gye ho no twe adwene si nwura a wɔde di dwuma, efĩ a wosiw ano ne phytoremediation so, a ɛfa nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw ahorow a wɔde di dwuma (bioremediation) denam mpɔtam hɔ afifide a wɔde brɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw ase a enhia sɛ wotu nneɛma a ɛde efĩ ba no na wɔtow gu baabi foforo so. Ɔyɛ obi a onim dade a emu yɛ duru a awuduru wom te sɛ cadmium, kɔbere, mercury, kɔbere ne arsenic a woyi fi asase a efĩ wom mu.[1][2]

Nhomasua ne adwumayɛ

[sesa]

Ɔwɔ B.Sc., M.Sc. ne Ph.D. wɔ Biochemistry mu ne nyinaa fii Port Harcourt Sukuupɔn mu baabi a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo panyin no. Ansa na ɔrebɛka Port Harcourt Suapɔn dwumadie ho no, ɔyɛɛ adwuma wɔ Shell Oil Company afe baako (2009 - 2010).[3]

Wɔyɛɛ no ​​amanaman ntam yɔnko wɔ 2013 L’Oréal-UNESCO Awards wɔ Abɔdeɛ mu Nyansahu mu.[4] Ɔyɛ adesua ahyehyɛdeɛ ahodoɔ bi muni, te sɛ Ahyehyɛdeɛ a ɛhwɛ Mmea wɔ Nyansahu mu ma Wiase a Ɛrenya Nkɔsoɔ, Amerika Nnuruyɛ Kuo, Amanaman Ntam Fekuo a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Mfiridwuma So, Amanaman Ntam Nnua Mfiridwuma Kuo, Fekuo a Ɛhwɛ Nnuan a Ɛyɛ Dwumadie ne Nnuru a Ɛma Nkwa Wom So ne Nigeria Asoɛeɛ a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So.[5]

Wɔ afe 2022 mu no, wɔmaa no John Maddox Prize.[6]

Ntotoho

[sesa]
  1. "Eucharia Oluchi Nwaichi Port harcourt studies how to remove arsenic and copper from polluted soil". Star Africa. Archived from the original on April 23, 2015. Retrieved November 13, 2015.
  2. "The Nigerian woman cleaning up a land soaked in oil". BBC. Retrieved February 21, 2024.
  3. "Two Nigerian Scientists bag UNESCO LOreal 2013 award". Vanguard News. Retrieved November 13, 2015.
  4. "Nigerian Shines UNESCO Science Laureate wins-$100,000-NAN". Sahara Reporters. Retrieved November 13, 2015.
  5. "Dr. Eucharia Oluchi Nwaichi - Department of Biochemistry". Uniport.edu.ng. Archived from the original on June 17, 2018. Retrieved November 13, 2015.
  6. "Maddox Prize 2022". Retrieved November 1, 2022.