Esther Smith
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Esther Smith yɛ Ghana nwontoni a ɔto Nyankopɔn ho dwom. Ɔhyɛɛ ne nwontoɔ ase berɛ a na wadi mfeɛ dunnan wɔ Tesano Methodist asɔre. Ɔnyinii wɔ nwontoɔ mu berɛ a ɔde ne ho kɔbɔɔ nwontoɔkuo a na Kapital radio sɔ wɔn asene. Wɔwoo Esther Smith wɔ afe 1970s berɛ no mu wɔ Suame, Kumase,Ghana.[1]
Ɔkɔɔ sukuu wɔ Garden City kɔmputa nteteeɛ sukuu ne School of Languages wɔ Kumase. Ɔhyɛɛ aseɛ twerɛɛ nwom wɔ afe 1990s no mu berɛ a ɔde ne ho kɔbɔɔ Voices of Faith Choir. Ɔde nwom apaawa ahodoɔ baeɛ a ɛmaa ɔbɛgyee din wɔ Ghana ne wiase afanaa nyinaa.[2] Nnipa nso ani bɛgyee ne nwom ho pa ara ɛfiri sɛ na ne nsɛm a ɔde to ne nwom no yɛ nkuranhyɛsɛm.[3]
Ne Nwom Ahodoɔ
[sesa]- Yesu Mo
- Odi yɛn asɛm
- Som no yie
- Tea mu frɛ Jesus
- Nsɔhwɛ nyinaa akyi
- Bɛfa wasɛm
- Nyame guama
- Oguama bi
- Ɛbi nsi da
- Gye no di
Abaso bɔ
[sesa]Ɔgyee abaso bɔ ahodoɔ wɔ Ghana nwontoɔ abasobɔdeɛ mu wɔ afe 2003 mu. Bio ɔgyee abasobɔ wɔ afe 2003 ne 2005;
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Esther Smith's Profile; facts you don't know about Ghana's Gospel singer | Pulse Ghana (in English), retrieved 2025-07-18
- ↑ GhanaBase Music, info@ghanabase.com, Biography of Esther Smith | Ghana Music | Esther Smith of Ghana, archived from the original on 2019-07-10, retrieved 2025-07-18
- ↑ ESTHER SMITH (in English), retrieved 2025-07-18
- ↑ GhanaBase Music, info@ghanabase.com, Biography of Esther Smith | Ghana Music | Esther Smith of Ghana, archived from the original on 2019-07-10, retrieved 2025-07-18
- ↑ Esther Smith announces dates for Accra and Kumasi concerts - MyJoyOnline (in American English), retrieved 2025-07-18