Jump to content

Essumagya

Ɛfi Wikipedia

Essumagya wɔ Bekwae Mansini a ɛwɔ Asante mantam mu. Ɛne  Asante Bɛkwae bɔ hyeɛ wɔ apueɛ fam na afei nso, ɛne Kokofu bɔ hyeɛ wɔ Atifi fam. Sɛ  Wofiri Kumasi na wode woani kyerɛ mu wɔ Kumasi- Bosomtwe kwantempɔn no so a, wobɛtwa borɔfo Kwansin bɛyɛ aduasa ansa na woaduru Essumegya. Wode w'ani kyerɛ kumasi-Cape Coast kwantempɔn no so a, wobɛtwa borɔfo kwansin bɛyɛ aduonum na nkuro a wobɛfa so no bi ne Santase, Pakyi,  Dominase,  Anhwia Nkwanta ne Bekwae. Ɛyɛ kuro a, esiane asomdwoeɛ a ɛwɔ hɔ nti ahɔhoɔ nyɛ na wɔ hɔ koraa. Ɛhɔfoɔ no ma ahɔhoɔ ani ka, ɛfiri sɛ, " yɛde ahɔhoɔ na ɛkyekyere kuro". Ahɔhoɔ no ne kuromma no nyinaa dodoɔ  bɛyɛ Mmpem-num ne akyire. Adwuma titiriw a wɔyɛ wɔ hɔ ne kuadwuma. Abɛ ne adeɛ a wɔtaa dua pa ara. Nti mmaa no mu fa kɛseɛ no ara nso yɛ ngo ho adwuma. Wɔabuebue ngoyɛbea akɛseɛ akɛseɛ wɔ hɔ a, deɛ ɛgyina ne nan so pa ara ne  " Thirty first" ngoyɛbea a ɛwɔ Kane " Essumagya Council Hall" no akyi. Essumagya kurotia na Asantemanso pɔkɛseɛ no wɔ( yɛbɛka Asantemanso ho asɛm akyire yi).[1][2][3]

Nkuro a ɛhyehyɛ Essumegya Nananom Atenankonnwa ase no bi ne Dominase (Kontihene), Agyamesu (Adontenhene), Kyiransa (Atipimhene), Brosanko (Manwerehene), Betinko – (Dikro), Kyekyewere – (Dikro), Boaman – (Adontenhene), Dentekrom – (Dikro ) Denyasefuokrom – (Dikro), Bekwaikrom – (Dikro), Kwabenakrom/ Kwabena Nkwanta– (Dikro),  Sarfokrom – (Dikro), Sunkyerekrom – (Dikro), Atuagyabie – (Sompahene), Wawaase – (Kotirehene), Nseseso – ( Dikro ),  Dentekrom – (Akyeamehene), Sehwi – (Twafuohene), Asantemanso/Abrade – Ankobeahene, Maaso – Maasohemaa, Adwama – Akyeamehene. Mfeɛ mmienu biara, wɔyɛ Odwira afahyɛ a wɔfrɛ no Nkyidwo. Saa berɛ no na wɔyɛ ammanneɛ ahodoɔ wɔ Asantemanso pɔkɛseɛ no mu.[4] As at 2010, Nana Adwoa Obro Pokuaa Nyankronpon was the Queenmother of the town.[5]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. "You have no authority to install a chief at Esumeja – Dormaahene tackles Otumfuo again - TV AFRICA NEWS" (in American English). 2022-05-06. Archived from the original on 2024-11-27. Retrieved 2022-05-22.
  2. "Esumeja in Ashanti Region - AfricaLocal.net". www.africalocal.net. Retrieved 2022-05-22.
  3. "A/R: Four children rescued from suspected kidnapper". Modern Ghana. 7 February 2021. Retrieved 7 May 2024.
  4. "Court throws out Chieftaincy Minister's case against leaders of African-American community". Modern Ghana. 28 January 2016. Retrieved 7 May 2024.
  5. Freiku, Sebastian R. (26 February 2010). "Ghana: New Twist to Esumeja Chieftaincy Dispute". All Africa. Retrieved 7 May 2024.