Essi Matilda Forster
| bɔbeasu | female |
|---|---|
| ɔman a ofiri mu | Ghana, United Kingdom |
| da a wɔwoo no | 12 Ɛbɔ 1922 |
| beae a wɔwoo no | Sekondi-Takoradi |
| da a owui | Ɔsanaa 1998 |
| beae a owu wɔ | Nkran |
| spouse | E. F. B. Forster |
| n'adwuma | mmaranimfoɔ |
Essi Matilda Forster (12 Ɛbɔ 1922 – Ɔsanaa 1998), na ɔyɛ Gaanani mmranimni[1] ɛna ɔbaa temanmuni a ɔwɔ Gold Coast (ɛnnɛ Gaana) a ɔdi kan fataa sɛ mmranimni.[2][3]
Mfitiaseɛ asetena ne nhomasua
[sesa]Forster awofoɔ ne George James Christian ne Aba Lucy French, na wɔwoo no wɔ Sekondi, Gold Coast, Ɛbɔ bosome ne da a ɛtɔ so 12 afe 1922.[1] Ne papa firi Eastern Caribbean Island of Dominica nanso ɔbɛtenaa Sekondi kurom afe 1902. Ɔhunuu ne ho sɛ 'nnommumfa a wɔasan aba' aberɛ a ɔkɔɔ First Pan-African Conference ɛkɔ so wɔ London afe 1900. Na ɔyɛ Oguadifo sanso yɛ mmranimni a ɔgyina Western Province anam sɛ The Gold Coast Legislative Council mu muni firi afe 1930 kɔ si afe 1940.[4] Forster maame nso firi Shama a ɛwɔ Atɔeɛ mantam wɔ Gold Coast (ɛnɛ Ghana).
Forster hyɛɛ n'adesua ase wɔ England aberɛ a w'adi mfie nnum. Ɛwɔ England no, wɔfrɛɛ no mmranim mu wɔ Gray's Inn Obubuo bosome afe 1945.[1] Wɔ Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so 15, afe 1947, wɔfrɛɛ no baa mmranim mu wɔ Gold Coast.[1][5][6] Ɔbɛyɛɛ ɔbaa a ɔdikan wɔ Gold Coast sɛ mmranimni, ɛna ɔbaa a ɔtɔ so mmiensa wɔ British West Africa sɛ ɔbɛduru saa mpɛnmpɛnsoɔ yi. Nea ɔdi n'akyi nso yɛ Nigeriani mmranimni a ɔyɛ Ɔbibini baa a ɔdi nkan duru saa mpɛnmpɛnsoɔ yi nso bi, Stella Thomas ne Frances Claudia Wright, a ɔno nso yɛ Sierra Leonni a ɔbɛyɛɛ ɔbaa ɔtɔ so mmienu wɔ Bibiman mu sɛ mmranimni.[2]
Baabi menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- 1 2 3 4 Uwechue, Raph (1991). Africa Who's Who. Africa Journal Limited. p. 676. ISBN 978-0-903274-17-3.
- 1 2 "Pioneer African Women in Law". African Women in Law. Retrieved 8 April 2021.
- ↑ "Essi Matilda Forster, a woman of Dominican descent who became Ghana's first female attorney". Dominica News Online. 13 March 2022. Retrieved 2 April 2022.
- ↑ "Miscellaneous | African Women in Law | My Story, Your Inspiration". E.A.L.C. Estelle Appiah Legislative Counsel.
- ↑ Ghana (1976). The Supreme Court of Ghana Centenary: Souvenir, 1876–1976. University Press.
- ↑ Africa Woman. Africa Journal Limited. 1975.