Ese ne Tekrema
Wɔ Akuapem kasa mu no, wɔtwerɛ (ESE NE TEKREMA) nanso Asante Twi mu no yɛtwerɛ no (ƐSE NE TƐKYERƐMA). Adinkra agyinahyɛde "Ɛse ne Tɛkrɛma" firi Akanfoɔ a wɔwɔ Ghana. Ahyɛnsodeɛ no ntease firi abusuabɔ a ɛda ɛsẽ ne tɛkrɛma ntam, na esi hia a ɛho hia no so.
Ɛse ne Tɛkrɛma agyinahyɛde yɛ Akanfo amammerɛ ne wɔn nyansapɛ ho sɛnkyerɛnne a tumi wom.Ɛse ne tɛkrɛma yɛ akanfoɔ ahyɛnsodeɛ a wɔde di dwuma wɔ wɔn daadaa asetena mu. Wɔde sɛdeɛ honam akwaa a ɛne "ɛse" ne "tɛkrɛma" a yɛde di nkitaho na ɛtoo ahyɛnsodeɛ no din. . Nea saa sɛnkyerɛnne yi kyerɛ ne adamfofa a ɛse be tɛkrɛma wɔ. Ɛse ne tɛkrɛma, yɛ Adinkra sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ wɔde wɔn ho to wɔn ho so kyerɛ sɛ, adamfofa ne baakoyɛ wɔ wɔn ntam.Ɛsɛ sɛ wɔyɛ baako na wɔyɛ adwuma bom sɛ baakofoɔ . Sɛ yɛbɛhwɛ a, ɛse tumi ka tɛkrɛma ma mogya ba nanso wɔsiesie wɔn ntam kama na wɔtena bom wɔ asomdwoe mu. Tɛkrɛma ntumi nka sɛ ɛsẽ aka no enti ɔrenyɛ adwuma bio. Dɛɛbi , entumi nsi da ɛfiri sɛ obiara hia ne yɔnko mmoa.[1][2]
Wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, ɛsan kyerɛ;
1. Abodwokyɛreɛ ne mpata a wɔde ma.
2. Ntawntawdie ne baakoyɛ a ɛwɔ yɛn abusuabɔ mu.
Sɛdeɛ wɔde adwinnie ahyɛnsodeɛ yi di dwuma wɔ adwinnie mu.
[sesa]Ɛse ne tɛkrɛma ahyɛnsodeɛ yi, wɔde di dwuma wɔ adwinnie ahodoɔ pii mu. Emu bi ne ntoma (ɛse ne tɛkrɛma kente) mu, adwinnie a wɔadrɔdrɔ wɔ dan ho ne nea ɛkeka ho. Saa adwinnie ahodoɔ yi bi te sɛ kɔnmuadeɛ, kawa, ahwenneɛ a yɛde yɛn nsa ayɛ anaa wɔasene mu mpo no wɔde saa Adinkra symbol yi di dwuma. Wɔnam saa ahyɛnsodeɛ yi so tumi siesie nnamfo, abusua ne nea ɛkeka ho ntam. Adinkra agyinahyɛde yɛ atɔe fam Afrikafo agyinahyɛde a ɛne Asante (Ghana) nnipa a wɔwɔ Gayaman ahemman mu no wɔ abusuabɔ. Saa kwan yi so no, ɛse ne tɛkrɛma gyina hɔ ma abusuabɔ a emu yɛ den, ɛboa wɔn ho wɔn ho . Wɔnam agyinahyɛde yi so kanyan nkurɔfo ma wɔkae hia a kuw adwumayɛ ho hia, ne ahwehwɛde a ɛfa adamfofa ne baakoyɛ ho nso. Ɛyɛ adeyɛ a ɛho hia sɛ wɔde Ɛse ne Tɛkrɛma bedi dwuma wɔ ɔkwan a wobetumi afa so akanyan nkurɔfo ma woabom ayɛ adwuma wɔ nnwumakuw ahorow mu na woama abusuabɔ a emu yɛ den aba ankorankoro, akuw, ne mpɔtam hɔfo ntam.[3]
Nea Adinkra ahyɛnsodeɛ yi gyina hɔ ma.
[sesa]Wɔtaa de agyinahyɛde a ɛne "ɛsẽ ne tɛkrɛma" no gyina hɔ ma adwene a ɛne sɛ wɔ abusuabɔ a ɛyɛ den biara mu no , sɛ́ ɛyɛ abusua, adamfofa, anaa mpɔtamu a yɛte no, ntawantawadi betumi aba yɛn ntam, nanso saa ara na mpata, ɔdɔ ne baakoyɛ a ɛkɔ so no te. Nea ɛte ne sɛ, mmerɛ bi a atwam no na wɔtaa de saa ahyɛnsodeɛ yi di dwuma yie na na wɔte aseɛ yie wɔ baabiara a wobehu nanso sɛ yɛhwɛ yɛn mmerɛ yi mu a, nkurɔfoɔ beberee nte aseɛ na wɔde ayɛ adwuma.
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ "adinkra, n.", Oxford English Dictionary, Oxford University Press, 2024-10-10, retrieved 2025-05-23
- ↑ Figure 1: (A) example of a screenshot taken from a simple video consisting of an avatar with less than 10 icons, a simple scenario: “Say hi!” and a simple landscape. (B) example of screenshot taken from a complex video, consisting of an avatar with more than 10 icons, a complex scenario (combat) and a complex landscape., retrieved 2025-05-23
- ↑ "adinkra, n.", Oxford English Dictionary, Oxford University Press, 2024-10-10, retrieved 2025-05-23