Eric Opoku (politician)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Eric Opoku
MP
Member of the Ghana Parliament
for Asunafo South
Mprenpren
Bere
7 January 2013
OdikanfoGeorge Boakye
Brong Ahafo Regional Minister
Bere
16 July 2014 – 6 January 2017
OdikanfoPaul Evans Aidoo
AnanmusiniKweku Asomah-Cheremeh
Ashanti Regional Minister
Bere
11 March 2013 – 16 July 2014
OdikanfoSamuel Sarpong
AnanmusiniSamuel Sarpong
Brong Ahafo Regional Minister
Bere
11 March 2013 – 14 February 2013
AnanmusiniPaul Evans Aidoo
Member of the Ghana Parliament for Asunafo South
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
OdikanfoGeorge William Amponsah
AnanmusiniGeorge Boakye
Ne ho asɛm
Awo bere5 June 1970 (1970-06-05) (age 53)
Ne manGhanaianGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaFarmer/Agriculturist
CommitteesFood, Agriculture and Cocoa Affairs Committee, Privileges Committee & Appointments Committee

Eric Opoku yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) ne Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nwɔtwe a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Asunafo Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Brong-Ahafo Mantam mu wɔ Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) tekiti so.[1]

Ne mmofrase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Eric Opoku wɔ Ayɛwohomumɔ bosome da a ɛtɔ anum (5) afe 1970.[1][2] Ofiri kuro bi a wɔfrɛ no Sankore a ɛwɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana.[1][2] Onyaa ne Bachelor of Arts abodin krataa wɔ Asetra mu Nyansahu mu (Bachelor of Arts degree in Social Science) wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma mu (Kwame Nkrumah University of Science and Technology) wɔ afe 2004 mu.[1][2]

Adwuma[sesa]

Opoku yɛ okuafoɔ (farmer)/ kuayɛfoɔ (agriculturist).[2] Ansa na wɔrepaw no sɛ ɔnyɛ mmarahyɛ badwa no, ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ (teacher) wɔ Ghana Nhomasua Dwumadibea (Ghana Education Service) wɔ SDA Mfitiaseɛ Sukuu (SDA Primary School) a ɛwɔ Sankore, firi afe 1997 kosi afe 2000.[1][2] Ɔne Kuapa Kookoo Ltd nso ayɛ adwuma sɛ Asafo Nkɔsoɔ Ɔkyerɛwfoɔ Society Development Secretary) firi afe 1998 kosi afe 2001.[1]

Amanyɔsɛm adwuma[sesa]

Wɔdii kan paw Opoku sɛ ɔmmɛyɛ mmarahyɛ badwa wɔ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so mmiɛnsa (3) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) mu sɛ mmarahyɛbadwani ma Asunafo Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana.[1][2] Ɛwom sɛ ɔhweree n’akongua wɔ abatoɔ a ɛdi hɔ no mu deɛ, nanso wɔsan paw no sɛ ɔkɔɔ mmarahyɛ badwa mu wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2013 mu bere a ɔkaa sɛ odii nkonim wɔ afe 2012 Ghana Amansan Abatoɔ no mu sɛ ɔbɛgyina Asunafo Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu na ɔdii dwuma kosii Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nsia (6) afe 2017 mu. Afei wɔsan paw no wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson (7) afe 2017 wɔ afe 2016 Ghana Amansan Abatoɔ no akyi baabi a onyaa abatoɔ a ɛfata no mu 52.97%.

Ɔayɛ adwuma sɛ Brong Ahafo Ɔmantam Ɔsoafoɔ Abadiakyiri (Deputy Brong Ahafo Regional Minister) firi afe 2009 kosi afe 2013.[2] Wɔ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu no ɔyɛɛ adwuma wɔ Aduan (Food), Kuadwuma (Agriculture) ne Kokoo Nsɛm (Cocoa Affairs) Boayikuo no mu sɛ Ɔsoafoɔ a odi kan (ranking Member).[1] Ɔsan nso som wɔ Hokwan Boayikuw (Privileges Committee) ne Nnipa a Wɔpaw Wɔn Boayikuw (Appointments Committee) no mu wɔ mmarahyɛ badwa koro no ara mu.[1]

Opoku nyaa abasobɔdeɛ sɛ mmarahyɛ badwani a ɔsen biara wɔ mpɔtam ne nkuraaseɛ nkɔsoɔ ho wɔ afe 2017 mu firii Bureau a wɔyɛ Nhwehwɛmu wɔ Aban, Aguadi ne Adwumayɛ ho (Bureau of Research on Governance, Commerce and Administration - BORGCA) hɔ. Wɔde saa abasobɔdeɛ yi maeɛ wɔ ne mmoa a ɔde maeɛ wɔ nkɔsoɔ nnwuma mu wɔ Asunafo Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu.[3]

Abatow[sesa]

Wɔpaw Opoku sɛ mmarahyɛbadwani maa Asunafo Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow mu.[4][5] Odii nkonim wɔ Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) tekiti so.[4][5] Na ne mmrahyɛbadwam mpɛsoa no yɛ mmarahyɛ badwa nkongua du (10) no fa wɔ nkongua aduonu anan (24) a Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) dii wɔ saa abatow no mu maa Brong Ahafo mantam no mu.[6][7] Asunafo Anafoɔ Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no hunuu ‘skirt ne blouse’ a abatoɔfoɔ too aba wɔ saa abatoɔ no mu ɛfiri sɛ ɔmampanyin a wɔpaw no a mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu abatoɔfoɔ no paw no ne John Kufour a ofiri ɔsɔretia kɛseɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) mu.[4] Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) dii nkonim kakraa bi a ne nyinaa yɛ mmarahyɛ badwa nkongua aduonkron anan (94) wɔ nkongua ahanu aduasa (230) mu wɔ saa abatow no mu.[6] Wɔde amba 14,076 na ɛpaw Opoku wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 29,345, a ɛne abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 48% yɛ pɛ.[4][5] Onyaa amba sen George William Amponsah a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no mu, Jack Kennedy Brobbey a ɔyɛ ɔkannifo a ɔde ne ho (independent candidate) ne Fredrick Nkrumah a ofi Nhyiam Nnipa Kuw (Convention People's Party) no mu.[4][5] Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu 43.80%, 7.30% ne 0.90%.[4][5]

Wɔsan paw Opoku wɔ afe 2020 Mmarahyɛ Badwa abatoɔ mu sɛ ɔmmɛgyina wɔn ananmu wɔ mmarahyɛ badwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu.

To hyɛ (Attack)[sesa]

Wɔtow hyɛɛ Opoku so wɔ ne fie wɔ Ɔpɛnimma bosome da a ɛtɔ so aduonu anum (25) 2017 wɔ Sankore wɔ Brong Ahafo mantam mu wɔ Ghana.[8][9]

Ɔman Demokrasi Mmarahyɛ Badwa (National Democratic Congress) no bɔɔ sobo sɛ na ntuafo no yɛ wɔn a wokurakura akode a wɔtaa asɔretiafo Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (New Patriotic Party) no akyi. Wɔtow hyɛɛ no so ne mprenu so (second time), wɔ Oforisuo bosome da a ɛtɔ so baako afe 2018, nso wɔ ne fie wɔ Sankore a mmarima a wokurakura akode.[10][11] Ɛwom sɛ wɔanpira ntuafo no de, wɔkyerɛ sɛ wɔde sika bɛyɛ GHS 10,400.00, television ne decoder bi kɔe na wɔsɛee Opoku kar abiɛsa.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Opoku yɛ Kristoni..[1][2] Waware na ɔwɔ mma baanan (4)..[1][2]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 1.10 "Parliament of Ghana".
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 2.6 2.7 2.8 "Ghana MPs - MP Details - Opoku, Eric". 2016-04-25. Archived from the original on 25 April 2016. Retrieved 2020-08-02.
  3. "Eric Opoku rewarded Best MP for rural devt". Graphic Online (in British English). Retrieved 2020-08-02.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 4.4 4.5 FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - Asunafo South Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-02.
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 5.4 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 131.
  6. 6.0 6.1 "Statistics of Presidential and Parliamentary Election Results". Fact Check Ghana (in American English). 2016-08-10. Retrieved 2020-08-02.
  7. FM, Peace. "Ghana Election 2004 Results - Brong Ahafo Region". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-08-02.
  8. "Attack On Asunafo South MP Unfortunate, Sad!". Modern Ghana (in English). Retrieved 2020-08-02.
  9. Addo, Charles (2017-12-28). "Blame NPP, Akufo-Addo over attack on NDC MP Eric Opoku - Minority". Yen.com.gh - Ghana news. (in English). Retrieved 2020-08-02.
  10. "Asunafo South MP, Eric Opoku and three others attacked". BusinessGhana. Retrieved 2020-08-02.
  11. Online, Peace FM. "NDC Delegation Visits Eric Opoku (PHOTO)". Peacefmonline.com - Ghana news. Retrieved 2020-08-02.