Jump to content

Elmina Castle

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Elmina Castle a wɔsan frɛ no St. George’s Castle (Castelo de Sao Jorge da Mina), yɛ dan nwawasoɔ a ɛwɔ Elmina atɔeɛ fam wɔ ɔman Ghana mu.[1] Portuguese adwadifoɔ na wɔsii saa dan yi wɔ afe apem ahannan ne aduowɔtwe mmienu (1482). Ɛno ne aborɔfo dan a wɔsiiɛ a akyɛ pa ara wɔ Sahara anaafoɔ fam. Ɛno nso ne dan a ɛdi kan a aborɔfo de yɛɛ nkoatɔ beaeɛ wɔ Abibirem Saharan fam.

Elmina Castle ayɛ nkaedum a ɛkae ateetee ne yaw a nnipa kɔɔ mu wɔ nkoatɔ berɛ no mu wɔ Abibirem ha.[2]

Abakɔsɛm

[sesa]
  • Deɛ ɛmaa Portuguesefoɔ de sii dan yi ne sɛ, wɔde bɛyɛ beaeɛ a wɔde bɛdi wɔn sika kɔkɔɔ dwa anaa sɛ wɔde bɛkora wɔn sika kɔkɔɔ nanso akyire yi no ɛsesa bɛyɛɛ beaeɛ a wɔde nkoa gu hɔ.[3]
  • Wɔ afe apem ahansia ne aduasa nson(1637) no,Dutchfoɔ bɛgyee castle no firii Portuguesefoɔ no nsam a wɔtrɛɛ mu de yɛɛ nkoatɔ adwuma. Na wɔtɔ nkoa no de kɔ Brazil ne Carribean.[4]
  • Wɔ afe apem ahanwɔtwe no mu hɔ no(1800s), Britishfoɔ bɛgyee castle no a wɔn nso de dii nkoatɔ dwa no de kɔsii sɛ wɔtwaa nkoatɔ adwuma no mu.[5][6]
  • Berɛ a ɔman Ghana nyaa ne fawohodie akyire no, wɔgyaee dwuma titire a na wɔde castle no di na wɔde dii dwuma foforɔ koraa a ɛbi ne sukuu ne polisi nteteeɛ beaeɛ.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Wonders of the African World - Slave Kingdoms - Elmina, retrieved 2025-07-04
  2. Castles.nl - Elmina Castle, retrieved 2025-07-04
  3. Elmina Castle | History, Slavery, & Facts | Britannica (in English), retrieved 2025-07-04
  4. Elmina Castle (Elmina) Essential Tips and Information (in English), retrieved 2025-07-04
  5. Elmina Castle (in American English), retrieved 2025-07-04
  6. Ghana Museums and Monuments Board – National Museum of Ghana (in American English), retrieved 2025-07-04