Jump to content

Efya

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Jane Fara Fauzziet Afia Boafowaa Yahaya Awindor ( a wɔwoo no Oforisuo bosome ɛda a ɛtɔ so du, wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nson, 1987 mu) na ɛdin a nnipa de nim no pa ara ne Efya, yɛ Ghana nwontoni, nnwomtwerɛfoɔ, ne sinitwani wɔ Kumase. Ne maame ne Nana Adwoa Awindor,a ɔyɛ sinitwani na afei ɔsan di dwuma a wɔato din sɛ Greetings from Abroad [1]wɔ tv so. Efya bɛgyee din berɛ a ɔde ne ho hyɛɛ akansie a wɔato din sɛ Stars of the future mu no[2]. Ɔhyɛɛ aseɛ wɔ 2011 no, ɔbɛyɛɛ ɔbaa a na ɔwɔ nne a yɛde to dwom pa ara, ɛno nti ɔgyee abodin toaa so nnan wɔ Ghana Music Awards. Bio, wɔsan bɔɔ n’abaso wɔ dwuma a ɔdii wɔ 2013 Africa Magic Viewers Choice Awards [3]no mu

Efya

Ne nnwom afrafra a ɔyɛeɛ a ɔtoo no din sɛ T.I.N.T, a ɛbaa abɔnten Obubuo bosome ɛda a ɛtɔ so dubaako,wɔ afe mpem mmienu ne dummiensa (2013) mu no , na nnwom a ɔbɔeɛ firi afe mpem mmienu ne dubaako (2011) de bɛsi afe mpem mmienu ne dummiensa (2013) mu[4] no nyinaa ka ho. Saa nnwom afrafra no,ɛyɛ nnwomkoro "Gateway" ne "Best In Me" nso boaeɛ. Efya de ne nnwom a wahyehyɛ na wato ne din sɛ Janesis na nnipa ahwɛ anim akyɛ no baa Oforisuo bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu afe mpem mmienu ne dunsia (2016) mu.[5] Ansa na no, na watutu ahyɛda mpɛn pii wɔ afe mpem mmienu ne dummiensa (2013) ne mpem mmienu ne dunum (2015) ntam no. Wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so dubaako no afe mpem mmienu ne dummiensa (2013) mu no ɔde ne nnwom a wahyehyɛ na wato ne din sɛ "Forgetting Me" [6][7][8] no baa abɔnten. Wɔ Kɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so nwɔtwe, wɔ afe mpem mmienu ne dunsia (2016) mu no, wɔmaa nnipa nyinaa teeɛ sɛ ɔno ne nipa foforɔ a Wizkid Starboy Entertainment ne no rebɛyɛ adwuma. Saa nkaebɔ yi baeɛ berɛ a Wizkid bɛgoreeɛ wɔ Ghana nnwom abodin dwumadie ase no. Wɔ Ɔbɛnim bosome no mu, wɔ afe 2021 mu no, 3music network de Efya too wɔn apaawa so sɛ ɔka mmaa aduasa a wɔnam nwomtoɔ so sesa nnipa no ho.

N’abrabɔ ne ne Dwomtoɔ adwuma

[sesa]

1987–2008: Early life, career beginnings, and Unveiled

[sesa]

Wɔwoo Jane Fara Fauzzier Afia Boafowaa Yahaya Awindor wɔ Oforisuo bosome no da a ɛtɔ so du, wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nson (1987) mu, wɔ Kumase,Ghana.[9] Ɔwɔ nuammarima mmienu ne ɔbaa baako. Efya kɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Yaa Asantewaa[10] ntoasoɔ sukuu, nanso akyire yi no ɔsan tu baa Nkran berɛ a ne maame bɛnyaa adwuma wɔ National Film ne Television adwumakuo mu no. Efya abusuafoɔ binom na wɔhyɛɛ aseɛ kyerɛɛ no nnwomtoɔ berɛ a na ɔsua no. Ɔbɛnyaa abodin krataa wɔ agorɔdibea ne nnwom mɔ wɔ University of Ghana.

Adwinneɛ Ne Nnwom Adwuma

[sesa]

Wɔ nkɔmmɔtwetweɛ bi a Efya ne Danai Mavunga twetweeɛ wɔ ARISE magazine no, Efya kyerɛɛ sɛ ne nnwom no yɛ Afro-Soul a pop kakra ka ho. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, sɛ ne nne bɛsesa a na ɛgyina atinka a ɔnya anaa sɛ nipa a ɔne no reyɛ adwuma no. Wɔ nkɔmmɔtwetweɛ foforɔ mu wɔ Modern Ghana so no, Efya bobɔɔ nnipa binom a ɔkyerɛ sɛ wɔn na ɔhwɛ wɔn sua wɔn wɔ nwontoɔ mu a wɔne Kojo Anwti, Aretha Franklin ne The Temptations. Ɔsan kyerɛ mu sɛ, berɛ a na ɔrenyini no,na n’anni gye highlife ne old school jazz ho.

Nnipa Mmoa Adwuma

[sesa]

Efya na ɔda kuo a wɔato din sɛ Awal Children of the future foundation (ACOTF) ano, kuo a wɔnnya sika mfiri baabiara na wɔn botaeɛ ne sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔrekɔ ɔhaw mu, sɛ ɛyɛ honam mu anaa nipadua mu, ne titire nnyanka ne mmɔfra a wɔabɔ asesa wɔ mmɔnten so.Ɛyɛ Posigee na ɔtee saa kuo yi a anwomtofoɔ nwɔtwe ka ho,ɛbi ne Sarkodie, Ruff and Smooth ne Yaw Siki. Wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu (2012) mu no, ACOTF de nnwom baa abɔnten a na wɔato ne din sɛ "This is Who I Am" a Chase na ɔtwerɛeɛ ɛna Posigee nso boa ma ɛbaa abɔnten. Kuo no nya sika biara a ɛnam wɔn nwom a ɛbɛba abɔnten no so.[11]

Filmɔgraphy

[sesa]

Abodin Ahodoɔ

[sesa]
Year Event Prize Recipient Result Ref
2016 Nigeria Entertainment Awards African Female Artist of the Year (Non Nigerian) Herself Won
Black Entertainment Film Fashion Television & Arts Best International Female African Act Nominated
Glitz Style Awards 2016 Most Stylish Music Artiste of the Year Won
African Muzik Magazine Awards Best Female West Africa Won
2014 Best Female West Africa Nominated
City People Entertainment Awards Musician of the Year (Female) Won
MTV Africa Music Awards Best Female Nominated
Ghana Music Awards Best Female Vocal Performance "Life" Won
World Music Awards World's Best Female Artist Herself Nominated
World's Best Live Act Nominated
World's Best Entertainer of the Year Nominated
World's Best Song "Best in Me" Nominated
World's Best Video Nominated
2013 4Syte TV Music Video Awards Best Female Video "Getaway" Won
Best Photography Video of the Year Nominated
Best Storyline Video of the Year "I'm in Love With Your Girlfriend"

(Jayso featuring Efya and Sarkodie)

Won
Best Collaboration Video Nominated
City People Entertainment Awards Musician of the Year (Female) Herself Nominated
Ghana Music Awards Best Female Vocal Performance Won
Afro Pop Song of the Year "Best in Me" Nominated
Record of the Year Won
2012 Ghana Music Awards Artiste of the Year Herself Nominated
Best Collaboration of the Year "I'm in Love With You"

(Sarkodie featuring Efya)

Nominated
Hip hop Song of the Year Nominated
Best Female Vocal Artiste Won
Record of the Year Nominated
"Good Morning"

(Yaa Pono featuring Efya)

Nominated
2011 4Syte TV Music Video Awards Best Female Video "Sexy Sassy Wahala" Nominated
Ghana Music Awards Best Female Vocal Performance "Little Things" Won
Record of the Year Nominated
Songwriter(s) of the Year (with Asem) Herself Nominated

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. It hurts to read bad stuff about my daughter -Nana Adwoa Awindor | Entertainment News, 2014-03-14, archived from the original on 2014-03-14, retrieved 2025-03-19{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  2. I want to be a legend— Efya | Entertainment News, 2014-03-14, archived from the original on 2014-03-14, retrieved 2025-03-19{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  3. I want to be a legend— Efya | Entertainment News, 2014-03-14, archived from the original on 2014-03-14, retrieved 2025-03-19{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  4. vibeghana.com, retrieved 2025-03-19
  5. News Homepage, retrieved 2025-03-19
  6. Efya Launches New Single,”Forgetting Me” | Daily Guide, 2014-03-14, archived from the original on 2014-03-14, retrieved 2025-03-19{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  7. EFYA Unveils New Single 'Forgetting Me' From Forthcoming Debut Album 'Love Genesis' (in English), retrieved 2025-03-19
  8. I Would Be Next Fela- Efya (in American English), archived from the original on 2014-03-14, retrieved 2025-03-19
  9. Bio — EFYA, 2014-04-26, archived from the original on 2014-04-26, retrieved 2025-03-19
  10. One-On-One Interview With Efya (in English), retrieved 2025-03-19
  11. Awal’s Children of the Future Foundation (ACOTF)- Helping the Less Fortunate, One Beat at a Time (in English), retrieved 2025-03-19