Efie Mmosea
Ɛyɛ nsɛnnahɔ sɛ " efie mmosea twa wo a, ɛsene sekan". Sɛ yɛrekyerɛ asɛm yi traa mu a, efie mmosea yɛ mmosea bi a obi ahyɛ da aboa ano wɔ ne efie anim anaasɛ nsuo aboa ano nanso onipakorɔ no ansesa amfiri hɔ, sɛ saa mmosea yi twa onipa no a, ɛyɛ a na ɛyɛ no ya pa ara sene sɛ mmosea foforɔ biara bɛtwa no.[1]
Saa efie mmosea yi bɛtumi nso agyina hɔ ama abusua. Akanfoɔ wɔ gyidie sɛ abusua wɔ hɔ sɛ wɔbɛboa wɔn ho wɔn ho na wɔankɔtɔ amaneɛ kɛseɛ mu. Nti sɛ obi nya asɛm anaa ɔkɔ ɔhaw bi mu na sɛ ne nnamfonom mpo po no a, ɔwɔ awerɛhyɛmu sɛ, sɛ ɔkɔ n'abusua hɔ a abusua no bɛgye no fɛ so asane adi n'akyi kɔpem sɛ ne haw no bɛbrɛ ase.[2]
Sɛ anigyesɛm nso ɛba a,abusua no bom sere.[3] Kyerɛ sɛ woresu a abusua ne wo bom su, sɛ woresere nso a saa ara. Nti ɛkoba sɛ obi hunu sɛ ne busuani bi asɔre atia no a, ɛtumi yɛ no ya pa ara. Ɔpɛ sɛ ɔda yaw yi adi nanso ɔmpɛ sɛ abusuamanso biara bɛba nti ɔtumi fira ntoma yi. Saa ntoma yi ne ntoma bi a wɔfrɛ no "Efie nwansena" nyinaa yɛ ntoma bi a, ne nkyerɛaseɛ yɛ baako.[4]
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Esther Ejoh (2025-03-31), The Hidden Meanings Behind Popular Ankara Prints (in American English), retrieved 2025-09-03
- ↑ The History And Hidden Meanings Of African Wax Print Cloth (in English), 2020-11-18, retrieved 2025-09-03
- ↑ Efie Mmosea (in English), retrieved 2025-09-03
- ↑ AFRICAN PRINTS AND MEANINGS, retrieved 2025-09-03