Edinnsiananmu
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Edinnsiananmu yɛ asɛnsini bi a yɛtumi de si edin anan mu wɔ ɔkasamu bi mu na ɛtumi di dwuma a edin di no nyinaa bi. [1][2] Nsonsoneɛ titire a ɛda edin ne edinnsiananmu ntam ne sɛ, edin tumi nya nkyerɛkyerɛmu anaa nsɛm bi bata ho a ɛkyerɛkyerɛ mu, nanso edinnsiananmu deɛ ɛnte saa, berɛ biara ɛno nko ara na ɛnam.[3][4][5][6]
Edinnsiananmu Ahodoɔ
[sesa]Edinnsiananmu a ɛwɔ Akan kasa mu na ɛdidi soɔ yi[7];
Yei wɔ nkyekyɛmu titire mmienu;
- Yɛwɔ deɛ ɛyɛ ɔyɛfoɔ adwuma
- Yɛwɔ deɛ ɛyɛ ɔdedeɛ adwuma.
Edinnsiananmu a ɛtaa gyina hɔ yɛ ɔyɛfoɔ adwuma wɔ ɔkasamu mu ne;
Baako kabea / Dodoɔ kabea
Me Yɛn
Wo Mo
Ɔno Wɔn
Ɛno Ɛnonom
Edinnsiananmu a ɛyɛ ɔdedeɛ no te sɛ deɛ ɛyɛ ɔyɛfoɔ no ara na mmom (ɛno) anaa (ɔno) nko ara na ɛsesa bɛyɛ (ne).
Baako kabea / Dodoɔ kabea
Me Yɛn
Wo Mo
Ne Wɔn
Nsɛmmisa Dinnsiananmu(Interrogative Pronoun)
[sesa]Yei yɛ edinnsiananmu a yɛde bisa asɛm nko ara. Nhwɛsoɔ;
- Hwan na ɔrekɔ no?
- Ɛhefoɔ na ɛbaa ha no?
- Ɛdeɛn na ɛda hɔ no?
- Ɛhe na wode sika no tooeɛ.
- Ɛhefa na mpaboa no gu?
Deɛ ɛnkyerɛ adeɛ pɔtee bi(Impersonal Pronoun)
[sesa]Yei yɛ edinnsiananmu a ɛnyina hɔ ma obi pɔtee. Yeinom ne,wɔn,yɛ. Nhwɛsoɔ;
- Yɛaku obi da baabi
- Wɔabo no apira no.
Deɛ ɛka biribi fa edin ho(Relative Pronoun)
[sesa]Saa dinsiannanmu yi kyerɛ edin bi mu. Deɛ wɔtaa de hyɛ no nso ne "a". Nhwɛsoɔ;
- Papa no a ɔbaa ha no awu.
- Ɔkraman no a ɔfaa ɛnam no na ɔrekɔ no.
Deɛ yɛde hyɛ asɛm bi mu kena(Emphatic Pronoun)
[sesa]Yeinom ne "me, ɔno anaa wo". Nhwɛsoɔ;
- Me na mefaeɛ.
- Ɔno na ɔdii aduane no.
- Wo na wokaa asɛm no.
Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ https://byjus.com/english/pronouns/ (in English), retrieved 2025-07-23
{{citation}}: External link in(help)|title= - ↑ The Definitive Guide to Pronouns (in American English), 2022-10-11, retrieved 2025-07-23
- ↑ Jack Caulfield (2022-10-17), What Is a Pronoun? | Definition, Types & Examples (in American English), retrieved 2025-07-23
- ↑ What Are Pronouns? Definitions and Examples (in English), 2023-05-30, retrieved 2025-07-23
- ↑ What Is a Pronoun? | Examples, Definition & List (in American English), retrieved 2025-07-23
- ↑ English Grammar Rules - Pronouns, retrieved 2025-07-23
- ↑ https://study.com/academy/lesson/what-are-pronouns-types-examples-definition.html?utm_source=perplexity, retrieved 2025-07-23
{{citation}}: Missing or empty|title=(help) - ↑ Khalid (2022-02-04), The Types of Pronouns: Examples and Rules - SkyGrammar (in American English), retrieved 2025-07-23