Jump to content

Edin kasasin

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Edin kasasin yɛ nsɛnkuo bi a ne ti asɛm yɛ edin anaa edin nsiananmu na ɛsane nso wɔ nkyerɛkyerɛmu pɔtee bi.[1] Sɛ yɛde nkyerɛkyerɛmu bi bata edin asɛm bi ɛne edin no nyinaa bɔ mu bɛyɛ edin kasasin. Yɛtumi nso nya edin kasasin a ɛnni nkyerɛkyerɛmu biara bata edin no. Saa kasasin yi gu mu ahodoɔ mmienu, ɛno ne sɛ yɛtumi nya edin kasasin tiawa ne edin kasasin tenten. [2]

Edin ahodoɔ

[sesa]

Edin kasasin tiawa no yɛ deɛ ɛkura asɛmfua baako anaa mmienu na ɛda adwene mu baako adi na edin kasasin tenten no yɛ deɛ ɛkura nsɛmfua mmienu anaa deɛ ɛboro saa na ɛmu baako pɛ na ɛyɛ etire asɛm na nkyerɛkyerɛmu a ɛbata edin no tumi bɛdi edin a ɛyɛ etire no anim anaa ɛtumi di edin asɛm no akyi na afei nso deɛ edi edin no anim ne n’akyi bere korɔ no ara mu. [3]

Nhwɛsoɔ

[sesa]
  • Kofi aba fie
  • Ama mpɛ fufuo

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Cook, S.J. (1980). The Scope of Grammar. New York; McGraw-Hill Book Company.
  2. Akrofi, C.A.I (2011). Twi Kasa mmara: A Twi grammar. Accra; Waterville Publishing House. 15(2), 206-235.
  3. Agyekum, K. (2010). Akan Kasa Nhyehyeeɛ. Accra ; Dwumfour Publications