Edin Nkyerɛkyerɛmu
Appearance
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Edin Nkyerɛkyerɛmu yɛ asɛmfua anaa nsɛmfua bi a yɛtumi de si edin bi ho de kyerɛkyerɛ edin no mu ɛwɔ edin kasasin mu.[1] Ɛtumi nso ba asɛm akyi de kyerɛ dekodeɛ a ɔyɛfoɔ no reyɛ anaa tebea a ɔwɔ mu. Nhwɛsoɔ; tuntum, fitaa, kɛseɛ, tenten.[2][3][4][5]
Edin Nkyerɛkyerɛmu Nkyekyɛmu
[sesa]Wɔ Akan kasa mu no, edin nkyerɛkyerɛmu wɔ nkyekyɛmu titire mmiɛnsa.[6][7] Yeinom ne;
Deɛ ɛdi kan yɛ deɛ yɛde kyerɛ suban anaa teberɛ
[sesa]Deɛ yɛde kyerɛ suban anaa teberɛ no wɔ nkyekyɛmu ahodoɔ mmienu:
- Deɛ ɛdi kan no, yɛtumi de bata edin bi ho prɛko pɛ de ka ho asɛm. Sɛ ebia; Anomaa ketewa bi si dua no so.
- Deɛ ɛtɔ so mmienu no, yɛde si adeyɛ asɛm /yɛ/ akyi ma ɛyɛ ayɔdeɛ ma no. N'adwuma ne sɛ ɛkyerɛkyerɛ edin a ɛyɛ ɔyɛfoɔ no su anaa ne tebea mu. Nhwɛsoɔ; Atadeɛ no yɛ fɛ.
Deɛ ɛtɔ so mmienu yɛ deɛ ɛkyerɛ dodoɔ pɔtee
[sesa]Saa edin nkyerɛkyerɛmu yi taa nya akontabudeɛ a ɛkyerɛ dodoɔ pɔtee wɔ Twi kasa mu.[8]Sɛ ebia;
- Mewɔ nkokɔ mmienu wɔ buo no mu.
- Nkraman mma mmiɛnsa hyehyɛ kɛntɛn no ase.
- Ɔwɔ nkoa baanan.
Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ deɛ ɛnkyerɛ dodoɔ pɔtee
[sesa]Yei nso wɔ akontabudeɛ a ɛntumi nkyerɛ dodoɔ pɔtee[9]. Sɛ ebia;
- Nnipa beberee na ɛwɔ abɔntene so hɔ.
- Nsuo ketewa bi na ɛwɔ ahina no mu.
- Mako pii na ɔde yɛɛ nkwan no.[10]
Deɛ ɛtɔ so nnan yɛ edin nkyerɛkyerɛmu a yɛde yi biribi adi anaa yɛde kyerɛ biribi
[sesa]Yeinom nso na ɛdidi soɔ yi;
- Bɛn- sɛ ebia; Aboa bɛn na wabɛwe borɔdeɛ no nyinaa yi?
- Ko- sɛ ebia; Menim ɔnii ko a ɔfaeɛ.
- Yi- sɛ ebia; Ɛnam yi aporɔ.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Learn Bright (2019-12-16), Adjectives for Kids | What is an adjective? | Learn all about adjectives! | Grades 1-3, retrieved 2025-07-24
- ↑ Eoghan Ryan (2022-08-21), What Is an Adjective? | Definition, Types & Examples (in American English), retrieved 2025-07-24
- ↑ What Is an Adjective? Definition and Examples (in English), 2023-05-01, retrieved 2025-07-24
- ↑ Gina Rancaño BA (2025-06-17), Understanding Adjectives (in American English), retrieved 2025-07-24
- ↑ Ultimate Adjectives List: Boost Your English Vocabulary Fast (in English), retrieved 2025-07-24
- ↑ https://byjus.com/english/adjectives/ (in English), retrieved 2025-07-24
{{citation}}: External link in(help)|title= - ↑ 13 Types Of Adjectives And How To Use Them (in American English), 2021-08-09, retrieved 2025-07-24
- ↑ English Grammar Rules - Adjectives, retrieved 2025-07-24
- ↑ Adjectives: An Easy Guide with Examples - The Grammar Guide, retrieved 2025-07-24
- ↑ List of adjectives, retrieved 2025-07-24