Ebo Taylor
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Ebo Taylor | |
|---|---|
Taylor in 2013 | |
| Ne ho asɛm | |
| Awo din | Deroy Taylor |
| Awo bere | 6 January 1936 Cape Coast, Gold Coast |
| Origin | Accra, Ghana |
| Died | 7 February 2026 (aged 90) Saltpond, Ghana |
| Genres | |
| Occupation(s) |
|
| Years active | Late 1950s–2026[1] |
| Labels |
|
Ebo Taylor (wɔwoo Deroy Taylor; Ɔbɛnem 6, 1936 – Ɔpɛpɔn 7, 2026)[2] yɛ Ghana sankubɔfoɔ, nnwom hyehyɛeɛfoɔ, nnwontofoɔ kuo kannifoɔ, nnwomtwani ne obi a ɔde n’adwene si highlife ne afrobeat nnwom so.
Abrabɔ ne Adwuma
[sesa]Wɔwoo Deroy Taylor wɔ Cape Coast, wɔ beaeɛ a saa beerɛ no na wharf no Gold Coast wɔ Ɔbɛnem 6 1936[3], ɔhyɛ aseɛ bɔɔ piano berɛ a na wadi mfe nsia.[4]
Taylor yɛ obi a wayɛ adwuma titiri wɔ Ghana nnwom mu bɛboro mfeɛ aduosia. Wɔ afe 1950 no awieeɛ mu hɔ no, na ɔdi akotene wɔ nnwontofoɔ kuo a wɔfrɛ wɔn Stargazers ne Broadway Dance Band mu. Wɔ afe 1962 mu no, Taylor de ne kuo, Black Star Highlife Band, kɔɔ London baabi a ɔne Nigeriani afrobeat pioneer Fela Kuti ne Afrikafoɔ nnwontofoɔ afoforɔ ka bom yɛɛ baako.[5]
Berɛ a ɔsan kɔɔ Ghana no, Taylor yɛɛ adwuma sɛ nnwontwani (producer) de maa nnwontofoɔ bi te sɛ Pat Thomas ne C. K. Mann —na ɔsane nso de nnoɔma a ɛfa Ghana amammerɛ ho me afrobeat, jazz, ne funk nnwom boom de yɛɛ ɔno ankasa ne nnwom wɔ afe1970 mu. Na ɔbɔ guitar sane twa nnwom ma Essiebons a Dick Essilfie Bondzie na ɔda ano.
Wɔ afe 1992 mu no, Ghetto Concept de ne afrobeats kaa wɔn nnwom ho.
Taylor adwuma nnwom no bɛgyee din yie wɔ amanaman nyinaa mu wɔ mfe ɔha a ɛtɔ so aduonu baako (21 century) mu. Wɔ mfe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mu no, Taylor hyiaa Afrobeat Academy nnwontokuo no nnwontofoɔ a wɔwɔ Berlin, a saxophon sankubɔfoɔ Ben Abarbanel-Wolff ka ho, a ɛmaa woyii album Love and Death a ɔne Strut Records (ne album a edi kan a wɔkyekyɛe wɔ aman horow so) adi wɔ mfe mpem mmienu ne du (2010) mu. Afe korɔ no ara mu no, Usher de nhwɛsode bi a ɛfiri Taylor dwom "Heaven" mu dii dwuma maa "She Don't Know" ne Ludacris. Nnwontofoɔ bi te sɛ Black Eyed Peas, Kelly Rowland, Jidenna, Vic Mensa ne Rapsody ka ho bi na wɔyii ne nnwom no bi.
Owuo
[sesa]Taylor wuu wɔ Ɔpɛpɔn 7, 2026, wɔ Saltpond, kuro bi a ɛwɔ Ghana mpoano. Nnanmusini bi a wɔfiri Musicians Union of Ghana (MUSIGA), a wɔn titrani, Bessa Simons, di wɔn anim, kɔsraa n’abusua wɔ Saltpond.

Abɔsobɔdeɛ ne akyɛdeɛ
[sesa]- Life Time Achievement Award – 2014 Vodafone Ghana Music Awards
- Lifetime Achievement Award – 2019 Highlife Music Awards
- Music Legend of the year – 2019 Ghana Business Awards
Album
[sesa]- My Love and Music (LP) (Gapophone Records), 1976
- Ebo Taylor (Essiebons), 1977
- Twer Nyame (Philips-West African-Records), 1978
- Me Kra Tsie - Ebo Taylor & Saltpond Barkers Choir (LP) (Essiebons), 1979
- Conflict - Ebo Taylor & Uhuru Yenzu (Essiebons), 1980[6]
- Calypso "Mahuno" and High Lifes Celebration - Pat Thomas & Ebo Taylor (Pan African Records), 1980
- Hitsville Re-Visited - Ebo Taylor, Pat Thomas & Uhuru Yenzu (LP) (Essiebons), 1982
- Abenkwan Puchaa (Essiebons), 2009
- Love and Death (Strut Records), 2010
- Life Stories: Best of Ebo Taylor 1973–80 (Strut Records), 2012
- Appia Kwa Bridge (Strut Records), 2012
- Yen Ara (Mr. Bongo), 2018
- Palaver (Tabansi/BBE Music), 2019 (rec. 1980)
- Ebo Taylor JID022 (Jazz Is Dead), 2025
Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Amigone, Marc, "Love and Death, the New Album from Ghanaian Legend Ebo Taylor", Huffington Post. 25 March 2016
- ↑ "The Performative Rhythm : From Highlife to Afrobeat", Fela Anikulapo-Kuti, pp. 69–82, 2022, doi:10.5040/9781501374746.ch-4, retrieved 2026-05-22
- ↑ Juan F. Saldarriaga, Rowan Haigh (2026-04-01), "OBITUARY: Frank John Rupert "Max" Taylor (July 17, 1939–February 18, 2026)", Journal of Eukaryotic Microbiology, vol. 73, no. 3, doi:10.1111/jeu.70079, ISSN 1066-5234, retrieved 2026-05-22
- ↑ Eric Doe (2026-03-05), Ebo Taylor took highlife to the world and changed Ghanaian music forever, retrieved 2026-05-22
- ↑ Alexander Stewart (2013), "Make It Funky: Fela Kuti, James Brown and the Invention of Afrobeat", American Studies, vol. 52, no. 4, pp. 99–118, doi:10.1353/ams.2013.0124, ISSN 2153-6856, retrieved 2026-05-22
- ↑ Dineen, Donal, "Sunken Treasure: Ebo Taylor & Uhuru Yenzu", Irish Times. 25 March 2016.