Jump to content

Dwennimmen (Adinkra Ahyɛnsodeɛ)

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

DwennimmenAdinkra ahyɛnsondeɛ bi edi mu yie pa ara. Dwennimmen yɛ adinkra ahyɛnsondeɛ bi a egyina hɔ ma ahoɔden,adesua,ahobrɛaseɛ ne Nyansa.[1][2] Asɛmfua Dwennimmen firi nsɛmfua mmienu a wɔaka abɔm, Dwanini(ram) ne mmɛn(horns). Dwennimmen_(Adinkra_card)

Abɔseɛ

[sesa]

Dwenninmmen yɛ adinkra ahyɛnsondeɛ bi a ɛyɛ nsɛmfua Dwanini ne Mmɛn. Dwanini yɛ aboa bi ne ho dwoɔ na ɔmma ne hwɛsofoɔ mmerɛ te sɛ aboa Apɔnkye. Mmɛn- aboa biri mmɛn yɛ adeɛ bia ɛyɛ den na obiara nso suro esiane sɛ aboa biara ɔwɔ mmɛn no de ne mmɛn na ɛko san so de bɔ ne ho ban.

Dwenninmen gyina hɔ ma ahoɔden, ahobrɛaseɛ ne nyansa. Saa ahyɛnsondeɛ yi kyerɛ mfasoa a ɛwɔ ahobrɛaseɛ ne tumi mu.[3]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Nana Kwabena (2020-09-15), Dwennimmen (in English), retrieved 2025-05-23
  2. 20 Adinkra symbols and their meanings - Adomonline.com (in American English), 2020-06-08, retrieved 2025-05-23
  3. Dwennimmen - Humility and Strength | Adinkra Symbols (in English), 2024-08-03, retrieved 2025-05-23