Jump to content

Duase

Ɛfi Wikipedia

Duase yɛ kuro a ɛwɔ Kumase kuropɔn mu a ɛyɛ dua din na da so. Abakɔsɛm ma no da adi sɛ na dua kɛseɛ bi si asaase tɛtrɛtɛ bi so a na nnipa tumi tena ase ma ɛyɛ yie, na abakɔsɛm kɔ so kyerɛ sɛ, na wɔtumi si adan bɛyɛ du-num wɔ saa dua kɛseɛ yi ase, na mpo nansa yi ara na saa dua kɛseɛ yi rebu.[1] [2]

Ɛno nti nnipakuo a wɔkɔsoeɛ wɔ saa dua kɛseɛ yi ase no hunuu sɛ saa beaeɛ no yɛ baabi a wɔbɛtumi atena abɔ wɔn bra nti ɛma wɔbɛkaa hɔnom na wɔde Duase kɛseɛ yi too wɔn akuraa yi so a ɛkyerɛɛ sɛ Dua kɛseɛ no ase na wɔteɛ.[3] Duase bɛn Kenyase wɔ Asante mantam. Ɛbɛ si nnɛ da yi, wokɔ Duase a wobɛhunu saa dua kɛseɛ yi wɔ kurom hɔ.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. GhanaRegions.com (2022-01-19), Ashanti Region (in American English), retrieved 2025-09-03
  2. Discover 40+ Ashanti Town Names with Meaning, Culture, and Pride | Explore Kumasi (in American English), 2025-04-21, retrieved 2025-09-03
  3. Duase in Ghana | Facts and Information about Duase - Places-in-the-World.com, retrieved 2025-09-03