Duafe
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Duafe yɛ Akanfoɔ adinkra ahyɛnsodeɛ no mu baako a ɛgyina hɔ ma ɔbaatanyɛ, ahoɔfɛ, ahonidie, ne suban pa bi te sɛ; abotrɛ, ɔdɔ, obuo ne ahobrɛaseɛ.Saa ahyɛnsodeɛ yi yɛ dua a wɔayɛ no sɛ afen a mmaa de nunu wɔn tiri nwii mu ma no yɛ fɛ na ɛyɛ akɔnnɔ nso. Deɛ enti a ɛwɔ din sɛ "duafe" no ɛne sɛ; ɛyɛ afen na mmom wɔde dua na ayɛ.[1][2][3]
ABAKƆSƐM
[sesa]Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ahyɛnsodeɛ duafe" yi Gyamanfoɔ a wɔyɛ Bonofoɔ na ɛde baeɛ.Na wɔde too wɔn hene Nana Kwadwo Agyemang Adinkra. Saa ahyɛnsodeɛ yi, na wɔyɛ de to wɔn nkonnwa ho ne wɔn ahenfo afadeɛ ho. Na berɛ a Asantefoɔ ko dii Gyamanfoɔ so no, saa duafe ahyɛnsodeɛ ne adinkra ahyɛnsodeɛ ahodoɔ no nyinaa bɛhyetaa Asanteman mu. Akyire yi no ɛduruu Fanteman mu, Akuapem ne Akyemman mu. Na berɛ rekɔ anim no, Akanfoɔ gyee duafe too mu,na ɛbɛkaa Akanfoɔ amammerɛ ho.[4][5]
NE NKYERƐASEƐ
[sesa]Duafe ahyɛnsodeɛ yi nkyerɛaseɛ da adi pa ara wɔ " Adinkra Dictionary" no mu ɛne " The values of Adinkra symbols" no mu; Sɛ wohwɛ duafe ahyɛnsodeɛ no a, deɛ ɛwɔ fam no a ɛmu akyekyɛ no kyerɛ mmaa su te sɛ; ɔdɔ, tema, ayamyɛ ne obuo, ɛna deɛ ɛwɔ soro no kyerɛ ahoɔfɛ ne ahonidie. Ne tiawa mu no, duafe yɛ adeɛ a Akanni baa de nunu ne tiri nwii mu ma ɛyɛ fɛ. Deɛ enti a ɛwɔ din sɛ "duafe" no ɛne sɛ; ɛyɛ afen na mmom wɔde dua na ayɛ. Enti ɛyɛ asɛmfua mmienu a wɔaka abom: "dua ne afen".[6]
BEAEƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ
[sesa]- ↑ Duafe – Adinkra symbol - Symbolikon Worldwide Symbols (in American English), retrieved 2025-05-29
- ↑ Adinkra Symbols of West Africa: Duafe, retrieved 2025-05-29
- ↑ Nana Kwabena (2020-09-15), Adinkra Symbols & Meanings (in English), retrieved 2025-05-29
- ↑ history of adinkra symbol duafe - Google Search, retrieved 2025-05-29
- ↑ African Adinkra Symbol of the Month: Duafe for International Women's D (in English), 2023-03-02, retrieved 2025-05-29
- ↑ Duafe Adinkra (in English), retrieved 2025-05-29