Jump to content

Duabɔ

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Duabɔ ɛyɛ bere a obi afrɛ ahonhom anaa nsuo aba obi foforɔ so ɛsiane aniɛyɛa bi a ɔde adi no. Ɛne sɛ woreto wo nsa afrɛ nsuo ne ahonhom sɛ wɔmmɛdi agyina mu nni asɛm mma nokware nna adi. Deɛ ɔdi fɔ no,nsuo no anaa ahonhom no mmfa nkyɛ no na ɔtwe n’aso ɔkwan biara so.Na ahonhom no di asɛm no wie ansa na biribi huhuuhu ahyɛ aseɛ asisi.[1][2]

Duabɔ abɔseɛ

[sesa]

Asɛmfua "duabɔ" firi adeyɛ asɛm "dua" ne "bɔ". Tete no, na wɔka sɛ dua abu obi a na ɛno ne owuo a ɛyɛ ya pa ara ɛno nti na obiara mpɛ sɛ ɔbɛwu saa owuo no.

Nneɛma a wɔde bɔ dua

[sesa]
  • Asante kosua/ Efie kosua
  • Nsuo
  • Nsa a ano yɛ den
  • Kora

Duabɔ ahodoɔ

[sesa]

Sɛ yɛka duabɔ ahodoɔ a mpɛn pii no,ɛgyina nneɛma mmienu so;

  • Sɛ obi bɛfrɛ ahonhom ahodoɔ de abɔ obi dua. Sɛ obi bɛfrɛ ahonhom ahodoɔ de abɔ obi dua no ma yɛnya duabɔ ahodoɔ mmienu a ɛne duabɔ kɛseɛ ne duabɔ kumaa.[3][4]

Duabɔ kɛseɛ

[sesa]

Sɛ yɛka duabɔ kɛseɛ a, ɛne sɛ obi afrɛ ahonhom a wɔn anim wɔ nyam na wɔwɔ tumi pa ara wɔ Akanman mu de abɔ obi dua. Na wɔgyidi sɛ saa ahonhom no tirim yɛ den a wɔnfa bɔne nkyɛ.Saa ahonhom no bi ne; Antoa Nyamaa, Asuo Ayantarɛ, Kwaku Firi, Bɔkyerewa, Akonnedi,Tigare, Gagau,Kyinamanso.

Duabɔ kɛseɛ nsunsuansoɔ

[sesa]

Duabɔ kɛseɛ so nsunsuansoɔ no bi ne owuo,yareɛ koankorɔ, awoɔ mu haw ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Sɛ wɔdane dua a wɔafrɛ saa ahonhom yi a,wɔde kɔ bosom anaa nsuo a ɔde bɔɔ dua no so kɔ dane.Duabɔ kɛseɛ mu no,nneɛma a ɛho hia a wɔde dane dua no bi ne sikadua a ɛmu yɛ duru, kosua,nnwan,nkokɔ,nsa ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Na deɛ wɔbɔɔ dua no,ɛsɛ sɛ ɔtu kwan kɔ ɔbosom anaa nsuo a wɔfrɛɛ de bɔɔ dua no hɔ ansa na wɔatumi adane no.

Duabɔ kumaa

[sesa]

Sɛ yɛka duabɔ kumaa a,ɛne sɛ obi afrɛ ahonhom nketewa de abɔ obi dua. Mpɛn pii no,saa ahonhom no yɛ nsuo ketewa a wɔn tumi sua anaa sɛ kuro bi bosom anaa nsuo a ɔnni kɔmfoɔ biara da n’ano. Ɛtumi mpo yɛ abusua bosom.

Duabɔ kumaa nsunsuansoɔ

[sesa]

Duabɔ kumaa so nsunsuansoɔ nnyɛ hu te sɛ duabɔ kɛseɛ. Sɛ wɔredane dua a ɛte sei a, ɛho nhia sɛ wɔde kɔ bosom no so anaa nsuo no so kɔdane.Wɔtumi de wɔano mpo dane ma ɛyɛ yie.Na ɛka nni mu pii saa.

  • Deɛ ɛtɔ so mmienu ne duabɔ a ɛdi mu ne deɛ ɛnni mu.

Nitandua

[sesa]

Ɛyɛ duabɔ a wɔbɔ obi nanso na nnipa no nnim sɛ wɔabɔ no dua. Mpɛn pii no, deɛ ɔrebɔ ne yɔnko dua no bɔ no wɔ n’akyi. Na saa dua yi yɛ adwuma pa ara a sɛ nipa no antu ho anamɔn ntɛm a ɛsɛe nneɛma.

Nnipa a yɛnmɔ wɔn dua na wɔn nso mmɔ dua

[sesa]
  • Ɔhene
  • Ɔbaa pemfoɔ
  • Akɔmfoɔ
  • Ɔbaa a ɔreyɛ bra.

Duabɔ so nsunsuasoɔ bɔne

[sesa]
  • Ɛkum nnipa
  • Ɛseɛ abusua
  • Ɛde ntetemu ba
  • Ɛma kuro bɔ
  • Ɛwom sɛ,duabɔ de nneɛma a yɛabobɔ so yi ba nanso ɛboa ma nokwaredie da ɛdi.[5]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. ‘DuabƆ’: a practice travelling through ages (in British English), 2017-05-17, retrieved 2025-07-09
  2. duabɔ in English - Akan-English Dictionary | Glosbe (in English), retrieved 2025-07-09
  3. Seth Tweneboah, The Culture of Duabɔ (Imprecation), Legal Dysfunction and the Challenge of Human Rights Development in Ghana, retrieved 2025-07-09
  4. Kofi Agyekum (2010-01-01), "The Pragmatics of Duabo'Grievance Imprecation'Taboo Among the Akan", Pragmatics, retrieved 2025-07-09
  5. MEET CHARLES Show (2023-08-30), Hidden Spiritual facts about Twins and Duabɔ | Story: Fofie anto Atta; Ɛdan wɔ Aso, retrieved 2025-07-09