Jump to content

Dua oo dua

Ɛfi Wikipedia

Dua oo dua agorɔ ka agorɔ ahodoɔ a Akanfoɔ di no ho. Saa agorɔ yi yɛ agorɔ bi a sɛ wɔredi a, mmɔfra no twa kanko anaa wɔbɔ kyenku ma abɔfra biara pa ne ntoma, na wabɔ ano pɔ. Afei, wɔn mu baako bɛgyina wɔn mfimfini na wafiri aseɛ rebobɔ mmoa bi din. Ɔde mmoa no din no to dwom de bisabisa pɛ sɛ ɔbɛhunu sɛ wɔn a wɔredi agorɔ no nim sɛdeɛ mmoa bi su teɛ anaa.[1]

Sɛ wɔrebɛdi agorɔ no a ɛsɛ sɛ wɔnya ɔbaako bɛgyina kanko a wɔatwa no mfimfini no mu na afei wɔgyina so pɛ ahyɛnsodeɛ bi te sɛ ɛdan, na wɔn nyinaa de wɔn nsa kɔka. Wɔkyerɛ sɛ, saa mmɔfra yi mu biara kura ne ntoma a wabuka mu mmienu. Afei deɛ ɛsi ne sɛ deɛ ɔgyina kanko no mfimfini no ma dwom so bobɔ mmoa a wɔwɔ dua din, na sɛ ɛba sɛ aboa korɔ a ɔbɛbɔ ne din no tua dua a na mmɔfra no nyinaa agye so sɛ “dua”; na sɛ mmom aboa a ɔbɛbɔ ne din no nni dua a, obiara yɛ komm. Ɛnam sɛ ɔkɔtɔ nni dua nti berɛ biara a wɔbɛbɔ aboa biara a onni dua din pԑ na, mmɔfra no nyinaa ayɛ komm. [2]

Akanfoↄ di saa agorɔ hodoↄ yi de gyegye wↄn ani. Bio, wↄde san tenetene wↄn mpↄ mu. Yei boa ma mmↄfra adwene mu bue nso.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. Alhassan, B. (2003). Tete Ka Asom. A. K. Publication.
  2. Agyekum , K. (2011). Akan Kasadwini. Dwomfour Publication.