Dua Korɔ Gye Mframa A Ebu
Ntoma yi din yɛ afotusɛm ma nnipa a wɔwɔ abusua bi mu anaa ɔman bi mu. Sɛ yɛrekyerɛ aseɛ abusua afa mu a yɛbɛkyerɛ no kwan mmienu so. Deɛ ɛdi kan ɛnne sɛ, abusua bi wɔ hɔ na hia ne ahokyerɛ wɔ mu na sɛ onipa baako tumi bɔ ne ho mmɔden gyina bɛyɛ defoɔ a, nea yɛhunu ne sɛ mpɛn pii no abusua no nyinaa dane no. Sɛ obi bɛkɔ sukuu o, obi bɛnya asɛm o, onipa baakofoɔ yi ara.[1]
Afei nso wɔtumi ka asɛm yi berɛ a ohiani bi wɔ abusua bi mu nanso abusua no dodoɔ no ara ayɛ yie na wɔmfii no. Bio, sɛ ɛkɔba sɛ ɔman adwuma bi ba na sɛ obi wɔ kuro no mu na ɛnam ne mmaninsɛm ne n'ahoɔden nti kurom hɔfoɔ gyae adwuma no bɔ ne so a ɔbɛbɔ mmɔden ayɛ bi deɛ nanso ɛnyɛ sɛdeɛ ɔman no nyinaa aboa ayɛ.[2]
Mpanin se "atwee mmienu boro eyuo", wɔnsom nso ɛne nnipa.aboa ayɛ.[3] Ɔbaakofoɔ yɛ kwasafo adeɛ a, ɛnkyɛ na wabrɛ afei nso baakofoɔ nsa nso Onyame ani kata. Dua koro gye mframa a ebu, ɛno nti na ɛwɔ sɛ obiara boa ma wɔyɛ adwuma biara a ɛda abusua mu anaa ɔman bi mu. Akanfoɔ mmaa a saa nsɛm yi mu biara ato wɔn no tumi fira ntoma yi.[4]
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Akanman mu nsɛnkyerɛnne a ɛkasa no binom-Ↄfa 1 (in American English), 2022-12-15, retrieved 2025-09-03
- ↑ AFRICAN PRINTS AND MEANINGS, retrieved 2025-09-03
- ↑ Nana Kwabena (2020-09-15), The 50 Most Important Akan Proverbs (in English), retrieved 2025-09-03
- ↑ Instagram, retrieved 2025-09-03