Dono ntoaso
Wɔatwerɛ nsɛm wei wɔ Asante Kasa mu
Dono Ntoaso yɛ Akanfoɔ adinkra ahyɛnsodeɛ baako a agye din wɔ Ghanaman mu. Saa ahyɛnsodeɛ yi kyerɛ abrabɔ mu baakoyɛ, nimdeɛ, ayamyie, ayeyie, anigyeɛ, ne mmɔdemmɔ a ɛda adi wɔ nnipa asetena ase.[1][2]
Nkyerɛaseɛ
[sesa]
Dono ntoaso nkyerɛaseɛ ne sɛ "Dono kyɛfa" anaa "Dono mmɔho". Yei kyerɛ nnaka mmienu a wɔde aforosian aka abom. Dono Ntoaso gyina hɔ ma baakoyɛ, nimdeɛ, ayamyie, ayeyie, anigyeɛ, ne mmɔdemmɔ.[2] Saa ahyɛnsodeɛ yi yɛ ntwene mmienu a wɔde abɔ so.[3] Saa ahyɛnsodeɛ no ma yɛhunu hia a ɛho hia pa ara sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho yɛ adwuma wɔ baakoyɛ mu, na ɛkura tumi nso.
Ne dwumadie
[sesa]Wɔde dono ntoaso adi adwuma bebree wɔ adwinideɛ pii mu te sɛ nnwom, mfoniniyɛ ne ade. Wɔtaa to dwom a ɛne dono ntoaso no de hyɛ ankorɛankorɛ nkuran ma wɔbom yɛ adwuma de di botaeɛ bi a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ ho dwuma, na wɔhyɛ nnoɔma a wonya firi saa adwuma yi mu no ho anuonyam.[3]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Chris Ndetei (2023-04-18), Adinkra symbols explained: Meaning, origin, style, spiritual significance - YEN.COM.GH (in English), retrieved 2025-06-13
- ↑ 2.0 2.1 Dono Ntoaso Adinkra Symbol - Adinkra Symbols - African Symbols (in American English), retrieved 2025-06-13
- ↑ 3.0 3.1 Dono Ntoaso Adinkra Symbol - Adinkra Symbols - African Symbols (in American English), retrieved 2025-06-13