Dono
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Dono yɛ Akanfoɔ adinkra ahyɛnsodeɛ no mu baako a ɛgyina hɔ ma mmrane, ayeyie, ntontom, ne nnwonkorɔ. Dono yɛ twene a Akanfoɔ de di dwuma bi te sɛ kasakyerɛ ne nnwom: wɔbɔ dono de kasa ma nnipa te aseɛ na wɔsan nso bɔ berɛ a nnwomtoɔ rekɔ so ma nnwom no yɛ dɛ.[1]
FAREBAEƐ NE ABAKƆSƐM
[sesa]Dono yɛ Akanfoɔ adinkra ahyɛnsodeɛ a abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛfiri Gyaman a ɛwɔ Bonoman mu, bɛyɛ mfeɛ ahaanu ne akyire wɔ wɔn hene Nana Kwadwo Agyemang Adinkra berɛ so.[2]Wɔkyerɛ sɛ ɔno na ɔde saa adinkra ahyɛnsodeɛ "Dono" yi too ne ho so.Na ansa na no, na wɔde saa ahyɛnsodeɛ yi di dwuma wɔ nneɛmanwene mu bi te sɛ; ntoma, akonnwa, nhenfo afadeɛ a na ɛwɔ nkyerɛaseɛ a ɛmu yɛ du na ɛsan da wɔn adi sɛ Akanfoɔ. Na berɛ a Asantefoɔ ko dii wɔn so nkonim no, Adinkra ahyɛnsodeɛ ahodoɔ no hyetaa Asante ahennie no mu. Na Gyamanfoɔ a na wɔnim nwene no wɔde wɔn baa Asanteman mu ma wɔbɛyɛɛ bi maa wɔn na wɔsan hyɛɛ wɔn ma wɔkyerɛɛ afoforɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɛrenntwam na wɔabɔ ho ban.
DONO NKYERƐKYERƐMU
[sesa]Sɛ yɛka Dono a, ɛgyina hɔ ma nneɛma pii. Ɛbi ne: ayeyie, ɔpɛpa ne nnwonkorɔ.Wɔde dua ne ahoma na asene ayɛ no sɛ twene a wɔde aboa nwoma adura animu ne akyire. Na saa aboa nwoma no so na wɔbɔ. Ɛwɔ ne dua nso a wɔde bɔ.[3][4][5]
SƐDEƐ WƆBƆ NO
[sesa]Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɔ a, saa nhoma no a ɛsam dono no ho no, wɔtwe mu, ɛfiri sɛ ɛno na ɛma dono no mu yɛ den a wobɔ a ɛmu yɛ dɛ. Wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu no, wɔtaa de dono di dwuma pa ara wɔ nnwom ne asa mu. Na nnwom mu no, ɛde nnyegyeɛ foforɔ bi bɛka ho ma no yɛ dɛ.
DONO AHODOƆ
[sesa]

SƐDEƐ DONO KYERƐ NNYEGYEƐ MU NSSESAEƐ NE AYEYIE WƆ AKANFOƆ AMAMMERƐ MU
[sesa]Dono ahyɛnsodeɛ no kyerɛ nnyegyeɛ mu nsesaeɛ ne ayeyie wɔ Akanfoɔ amammerɛ mu ɛsiane sɛdeɛ wɔsi bɔ no no. Sɛ wɔde dono no hyɛ wɔn mmɔtoamu na sɛ wɔrebɔ a, ɛma nnyegyeɛ ahodoɔ. Na sɛ ɛbɛtumi ayɛ saa a, na ɛgyina sɛdeɛ wɔbɛsi amoa dono no wɔ wɔn mmɔtoam. Wɔde dono kasa ma nnipa te aseɛ, wɔde tontom na wɔde bɔ mmrane nso. Sɛdeɛ wɔde bɔ mmrane no ma yɛhunu nnwom so mfasoɔ wɔ Akanfoɔ mu.
SƐDEƐ DONO KYERƐ NKABOM WƆ AKANFOƆ MU
[sesa]Dono ahyɛnsodeɛ wɔ Akanfoɔ mu no gyina hɔ ma nkabom sɛdeɛ wɔnam dono no bɔ so kasa kyerɛ nnipa wɔ adwabɔ ase. Nnyegyeɛ a dono ma no, ma nnipa ani gye, ɛma nnipa ani ba wɔn ho so, ɛsan nso yi ayɛ. Weinom nyinaa ne nneɛma a ɛde nkabom ne nkithodie ba nnipa mu.
Bio, sɛdeɛ wɔtumi de dono bɔ mmrane no, ma yɛhunu nnipa binom som a wɔsom bo ne tumi ne nidie a wɔwɔ. Ahyɛnsodeɛ yi nam nnwom ne ayeyie so ma yɛhunu nkonimdie ne mfasoɔ a ɛwɔ so sɛ nnipa bɛka wɔn ho abom ayɛ baako.
BEAEƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ
[sesa]- ↑ Dono Adinkra Symbol - Adinkra Symbols - African Symbols (in American English), retrieved 2025-05-28
- ↑ The History of Adinkra Symbols (in English), retrieved 2025-05-28
- ↑ Dono Adinkra Symbol - Adinkra Symbols - African Symbols (in American English), retrieved 2025-05-28
- ↑ Dono (in American English), 2023-10-07, retrieved 2025-05-28
- ↑ Adinkra Symbols | U-M LSA Department of Afroamerican and African Studies (DAAS) (in English), retrieved 2025-05-28