Jump to content

Denkyem

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei wɔ Asante kasa mu

Denkyem yɛ yɛ Akanfoɔ adinkra nsɛnkyerɛnne baako a agye din wɔ Ghanaman mu. Saa nsɛnkyerɛnne yi kyerɛ abrabɔ mu nyasasua, kwan aobi fa so gyina tebea bi ano ne nimdeɛ a ɛda adi wɔ nnipa asetena.[1][2]

Nkyerɛaseɛ

[sesa]

Denkyem ahyɛnsodeɛ yi yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛnea obi tumi sesa ne ho, anifere, a ɛfiri bɛ a ɛne “Ɔdɛnkyɛm dan nsuo mu nanso ɔhome mframa”.[1][3][4] Saa ahyɛnsodeɛ yi kyerɛ sɛdeɛ a onipa bi bɛsi adanedane ne ho wɔ asetena mu abrabɔ wɔ berɛ pa ne berɛ bɔne mu.[2][4]

Dwumadie

[sesa]

Wɔde denkyem nsɛnkyerɛnne di dwuma wɔ nnɛ mmerɛ mu adwinnie ahodoɔ mu te sɛ ntoma, mfoniyɛ, ne nnwumakuo ahodoɔ ahyɛnsodeɛ. Mfitiaseɛ no na wɔde di dwuma wɔ Adinkra ayie ntoma mu de da nyansapɛ mu nsusuiiɛ a emu dɔ a ɛfa nkwa ne owuo ho adi, na mprempren wɔde kyerɛ sɛdeɛ wɔtumi gyina tebea ahodoɔ ano na wɔtumi sesa wɔn ho wɔ nsɛm a ɛtrɛ mu.[4]

Ɛbɛ

[sesa]
  • Ɔdɛnkyɛm dan nsuo mu nanso ɔhome mframa[4][5][2]

Baabi menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1.0 1.1 Nana Kwabena (2020-09-15), Denkyem (in English), retrieved 2025-05-28
  2. 2.0 2.1 2.2 Denkyem – Adinkra symbol - Symbolikon Worldwide Symbols (in American English), retrieved 2025-05-28
  3. Adinkra Symbols of West Africa: Denkyem, retrieved 2025-05-28
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 Denkyem Adinkra Symbol: Meaning of Adaptability and Wisdom (in English), 2024-10-07, retrieved 2025-05-28
  5. J. L. James (2024-04-17), Wisdom in the Adinkra for Adaptability: Denkyem - Zumayo (in British English), retrieved 2025-05-28