Danyame
Appearance
Danyame yɛ kuro a ɛwɔ Kumase kuropɔn mu a ɛyɛ nsuo din na da so. Ɛfiri Patasie de kɔ Danyame nyɛ yera kwan. Tete abakɔsɛm kyerɛ sɛ na asuo ketewa bi da beaeɛ bi a sɛ wanhwɛ no yie a wonhunu mpo sɛ asuo bi da hɔ.[1] Sɛ wobɛhunu sɛ asuo bi da hɔ a, agye nsuo atɔ ansa na ayiri. Akanfoɔ nso wɔ gyedie bi sɛ Otweduampɔn Nyankopɔn na ma nsuo tɔ.[2]
Ɛnam sɛ agye sɛ nsuo atɔ ansa na asuo yi ayiri nti, na ɛyɛ wɔn a wɔte saa beaeɛ hɔ no gyedie sɛ Onyankopɔn na tɔ nsuo no ma wɔn sɛdeɛ wɔbɛnya bi de ayɛ wɔn fie adwuma. Ɛnti nkuro mma no frɛ asuo no me-dane-nyame a ɛkyerɛ sɛ wɔn anidasoɔ wɔ Onyame mu sɛ ɔbɛtɔ nsuo ama wɔn na wanya bi de ayɛ wɔn daadaa adwuma. Wei na maa yɛbɛnyaa edin "Danyame" no.[3]
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Discover 40+ Ashanti Town Names with Meaning, Culture, and Pride | Explore Kumasi (in American English), 2025-04-21, retrieved 2025-09-01
- ↑ GhanaRegions.com (2022-01-19), Ashanti Region (in American English), retrieved 2025-09-01
- ↑ Danyame (in English), retrieved 2025-09-01