Dan Abdul-latif

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Dan Abdul-latif
MP
Mmrahyɛbwani ɛwɔ Ablekuma Central
OdikanfoEbenezer Gilbert Nii Narh Nartey
Ne ho asɛm
Awo bereJanuary 1, 1970 (1970-01-01) (age 54)
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress(NDC)

Dan Abdul-latif (wɔwoo no 1st January, 1970) yɛ Ghana amanyɔni . Ɔyɛ Ghana Mantam a Ɛto so Anan no mmrahyɛbagua a Ɛto so Awotwe no muni a ogyina Ablekuma Mfinimfini Mantam no ananmu wɔ Ablekuma Mfinimfini Kuropɔn Mantam mu wɔ Nkran Mantam mu wɔ Ghana .

Mfiase Asetra ne Adwuma[sesa]

Wɔwoo Abdul-latif wɔ Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so mmienu, afe 1970. Ɔfiri Tamale a ɛwɔ Ghana Atifi fam mantam mu. Ɔwɔ Degree wɔ Nkitahodi Ho Nsɛm mu (2020). Na ɔyɛ Ysan Cevre Isiklan Dirma Malzemeleri ST Ltd. adwumayɛbea Panyin

Amanyɔsɛm[sesa]

Abdul-latif yɛ Ɔman Demokrasi mmrahyɛbagua(NDC) no muni . Wɔ August 2021 mu no, ɔsii akan na odii nkonim wɔ NDC Parliamentary Primaries wɔ Ablekuma Central Constituency sɛ ɔbɛyɛɛ party no kandifoɔ wɔ December 2020 abatoɔ no mu . Ɔdii nkonim wɔ December 2020 mmrahyɛbagua abatoɔ no mu a ɔnyaa abatoɔ 47,040 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 49.7%, na ɔboroo nea ɔsɔre tia no titire ne mmrahyɛbaguani a ɔdi tumi seesei Ebenezer Gilbert Nii Narh Nartey a ɔfiri New patriotic Party a ɔnyaa abatoɔ 46,836 a ɛgyina hɔ ma abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 49.5% to.

Boayikuw ahorow[sesa]

Ɔsom sɛ Nkitahodi Boayikuw ne Aban Boayikuw no muni wɔ Ghana Aman a Ɛto so Anan mmrahyɛbagua a Ɛto so Awotwe no mu

Ankorankoro asetra[sesa]

Ɔyɛ Nkramoni.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]