Jump to content

Dagbani Kasa

Ɛfi Wikipedia

Dagbani yɛ kasa ahodoɔ a ɛwɔ Gur kasa abusuakuo no mu baako.[1] Ɛyɛ kasa a nnipa dodoɔ no ara a wɔwɔ Ghana Atifi mantam no mu ka. Wɔn a wɔka kasa no dodoɔ bɛyɛ ɔpepe mmiɛnsa (3 million). Wɔka Dagbani kasa yi pa ara wɔ Tamale, Gambaga, Walewale, Nalerigu ne nkuro nketewa ɛbɛn hɔ no bi mu.[2]

Mmom, sɛ yɛde wɔn a wɔka Mamprusi, Kamara ne Nanumba ka ho a wɔn dodoɔ bɛduru ɔpepe nsia (6 million). Dagbani ka Mole-Dagbani kasakuo a ɛwɔ Ghana no ho na wɔn dodoɔ yɛ ɔha nkyɛmu du-nwɔtwe akyiripɔ num (18.5%). Wɔde kasa yi di dwuma wɔ ayaresabea no bi mu na wɔsan nko kyerɛ wɔ sukuu ahodoɔ bi mu.[3] Nnipa binom atwerɛ nwoma afa kasa yi atwerɛ mmara ne amammerɛ bi nso ho.[4]

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Fresia Pareja, Gur Pines, Yosef Yarden (2015), "The EGFR/ERBB Receptor Family", Receptor Tyrosine Kinases: Family and Subfamilies, Cham: Springer International Publishing, pp. 107–164, ISBN 978-3-319-11887-1, retrieved 2025-08-21{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. Kumtili Dikpong (2025-08-19), Dagbanli Language: Learn About the Language Spoken by the Dagombas in Northern Ghana (in American English), retrieved 2025-08-21
  3. Dagbani Teaching and Learning | Dalun-BiCo Lagim Tehi Tuma (in American English), 2015-12-06, retrieved 2025-08-21
  4. Fusheini Hudu (2024-12-25), "THE PRAGMATIC FUNCTIONS OF DAGBANI DIMINUTIVES", Ghana Journal of Linguistics (in English), vol. 13, no. 2, ISSN 2026-6596, retrieved 2025-08-21