Dagaare Kasa
Appearance
Dagaare nso yɛ kasa a ɛka Gur kasa abusuakuo no ho.[1] Na wɔn wɔka saa kasa yi no yɛ Dagaabafoɔ. Yɛka saa kasa yi wɔ Lawra, Nandom, Jirapa ne nkuro a ɛbɛn hɔ no mu wɔ Atifi Atɔeɛ mantam mu wɔ Ghana. Burkina Faso nso yɛ ɔman a wɔka Dagaare kasa no wɔ hɔ.[2] Wɔde kasa yi di nkitaho wɔ mmeaeɛ bi te sɛ dwam, ayaresabea ne deɛ ɛkeka ho.[3]
Yɛntaa mfa Dagaare kasa no nni dwuma wɔ dawurobɔ ne nkratoɔ nnwuma mu na wɔ nwomasua mu no, yɛde kyerɛkyerɛ mmɔfra adeɛ firi gyinapɛn baako kɔpem gyinapɛn mmiɛnsa.[4] Ɔmanfoɔ nso atwerɛ nwoma ahodoɔ wɔ Dagaare kasa no mu.
Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Fresia Pareja, Gur Pines, Yosef Yarden (2015), "The EGFR/ERBB Receptor Family", Receptor Tyrosine Kinases: Family and Subfamilies, Cham: Springer International Publishing, pp. 107–164, ISBN 978-3-319-11887-1, retrieved 2025-08-21
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ What Do you know about the Dagaaba people? (in English), 2018-11-15, retrieved 2025-08-21
- ↑ Dagaare language and alphabet, retrieved 2025-08-21
- ↑ Hayford Owusu (2025-01-22), Year1_Ghanaian Language_Dagaare (in American English), retrieved 2025-08-21