Dɔteyie
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Dɔteyie hyɛ adeɛ firi da a obi bɛwu. Ɛkɔba no saa a, nneɛma a wɔyɛ no bi ne sɛ; abusuapanin ne ne mpanimfoɔ tena ase pa nnipa a wɔbɛtena yipaso. Saa nnipa yi na ayie yi ho ntotoeɛ nyinaa hyɛ wɔn nsa. Wosese ayie ne titire no mmamma, agyamma, ne nsenom, adɔfonom, n'adwumamufoɔ Wɔpɛ da a wɔde bɛsie owufoɔ no, wɔhwehwɛ baabi a wɔbɛsie no, efie a wɔbededa no wɔ mu nso wohwehwɛ siesie hɔ.[1]
Ɛda a wɔhyɛeɛ no so a, wɔdware owufoɔ no siesie no kama de no to mpa so. Afei, abusuapanin yi apaeɛ bue kwan to hɔ ma adɔfonom ne owufoo yi bɛdi nkra. Ɛne sɛ wɔkɔhwɛ no gyam no san su no abia. Wɔde no rebɛto adaka mu a, wɔgye adesiedeɛ. Sɛ ebia, sika, ntoma, duku, ahwener, mpetea, kete, sumir, ntades ne mpasotam ne ade. Wɔfa saa akwanya yi so to wɔn a wɔawuwu nkra. Wɔde no to adaka mu wie a, abusuapanin yi apaer ansa na wɔakata ne so. Wɔde no kɔ amusieɛ wɔ berɛ a, okunafoɔ no nkɔ bi.[2][3] Wɔduru amusieɛ a, abusuapanin yi apaeɛ de no hyɛnsamanfoɔ nsa ansa na wɔasie no. Wɔkɔsie ba a, wɔn a wɔsee wɔn ayie no yɛ wɔn asɛdeɛ. Kane no na wɔmma nsawa wɔ deteyie berɛ.[4][5]
Baabi a mmoa firi
[sesa]- ↑ Osei-Mensah Aborampah (1999), "Women's Roles in the Mourning Rituals of the Akan of Ghana", Ethnology, vol. 38, no. 3, pp. 257–271, doi:10.2307/3773817, ISSN 0014-1828, retrieved 2025-08-28
- ↑ Alice Boateng, Linda Anngela-Cole (2016), "Funeral Practices in Ghana and the United States: A Cultural Comparison", International Journal of Social Science Studies, vol. 4, p. 36, retrieved 2025-08-28
- ↑ "Funerals among the Akan people: some perspectives on Asante", Revista de Etnologie şi Culturologie (in English), vol. XXVII, no. 1, pp. 44–53, 2020, ISSN 1857-2049, retrieved 2025-08-28