Dɔnkyɔn
Dɔnkyɔn yɛ ayɛneɛ a ɔmanhene ne ahemfo abirempɔn de gu wɔn nsa na wɔhyɛ kɔ anigyeɛ dwabɔ ase de siesie wɔn nsakɔn. Wɔde dɔnkyɔn siesie wɔn ho de kyerɛ tumidie ne diberɛ wɔ Asante ahennie mu, ɛfiri sɛ wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ no fɛfɛɛfɛ. Otumfoɔ nko ara na ɔtumi de dɔnkyɔn nnan gu ne nsa, ɛna abirempɔn nkaeɛ no nso tumi gu mmienu bom. Dɔnkyɔn ahodoɔ no bi ne, kuntumas, ɛfa ne fa, asansantoɔ, burodua, ne akɔnfɛm ti korɔ. Ahosuo a ɛyɛ kente ntoma ahabammono, yɛlo, kɔkɔɔ, ne sika kɔkɔɔ na wɔde yɛ dɔnkyɔn de kyerɛ tumidie, ahonya ne asetenapa wɔ ɔhene no abrabɔ mu.[1]
Dɔnkyɔn Ahodoɔ
[sesa]- Kuntumas Dɔnkyɔn:
Kuntumas kyerɛ sɛ ɛmmerɛ m’ase (ɛmmerɛ m’ahinnie anaa me tumi ase), ɛfiri sɛ ɛnyɛ biribiara na wo bɛtumi de akɔ ɔhenepɔn anim. Na ɛyɛ dɔnkyɔn bi a ɛho yɛ den sɛ ɔhene bi benya anaa sɛ wobɛhunu (ɛfiri sɛ, ɛyɛ tete dɔnkyɔn bi wɔnni ho agorɔ koraa). Ɛnyɛ baabiara na ahemfo akɛseɛ yi tumi hyɛ kɔ gye sɛ Ɔmanhene. Tete dɔnkyɔn kuntumas yi bɔ ahemfo nkaeɛ ne kuromma anna nnipa a atwa saa ɔhene no ho ahyia ne sɛ, wɔmfa adwene mu fann, ɔdɔ ne ahobraseɛ nnante wɔ abrabɔ mu na ɛbɛboa ama watu mpɔ. [2]
- Akɔmfɛm ti korɔ Dɔnkyɔn:
Yei yɛ dɔnkyɔn bi a ɛkyerɛ anidie a ɛsɛ sɛ ahemfo nketewa de ma wɔn ahemfo akɛseɛ. Ahemfo a ɛtumi hyɛ saa dɔnkyɔn yi ne Ɔmanhene, ne abirempɔn. Ԑyɛ dɔnkyɔn bi a ɛkyerɛ sɛdeɛ saa ɔhene no yɛnni ne ho agorɔ anaa wɔntoto no ase (ɔhene ne ho yɛhu). Nsɛnkyerɛnne no ayɛ te sɛ akɔnfɛm ati kɔn na ɛnya wo a ɛbɛ wɔ wo anaa ɛbɛ pira wo, ɛfiri sɛ ano yɛnam na kyerɛ anidahɔ ne ahwɛyie.[3]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ https://ir.uew.edu.gh/handle/123456789/3319
- ↑ D. Nkrumah (2021), Asante ahemfo afadeԑ mu nsԑnkyerԑnne ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu (in English)
- ↑ D. Nkrumah (2021), Asante ahemfo afadeԑ mu nsԑnkyerԑnne ho mpԑnsԑmpԑnsԑmu (in English)