Jump to content

Constance Swaniker

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Constance Swaniker
nnipa
bɔbeasufemale Sesa
ɔman a ofiri muGhana Sesa
din a wɔde ama noConstance Sesa
da a wɔwoo no1973 Sesa
beae a wɔwoo noNkran Sesa
languages spoken, written or signedBrɔfo, Twi Sesa
n'adwumamusician, sculptor, entrepreneur Sesa
field of workart of sculpture Sesa
educated atUniversity of Ghana Sesa
work locationGhana Sesa
member ofSOS Children's Villages, Skills Development Fund Corporation Sesa
abasobɔde a wonyaeAfrica's Most Influential Women in Leadership and Governance, Woman of Excellence Awards Sesa
personal pronounL484 Sesa

Constance Elizabeth Swaniker (yɛwoo no Ɔsanaa, 30, 1973) ɔyɛ Ghanani odwumtoni, ɔkyerɛkyerɛni, ne adwumayɛni[1]. Ɔno na ɔhyehyɛɛ Accent & Arts, ɔyɛ kwankyerɛfoɔ panin na ɔsane nso hyehyɛɛ Design and Technical Institute (DTI) wɔ Nkran[2][3][4][5][6][7][8][9]

Mfitiaseɛ asetena ne nnwomasua

[sesa]

Wɔwoo Swaniker wɔ Ɔsanaa bosome ne da a ɛtɔso aduasa (30) 1973 wɔ Accra, Ghana[10]. Ɔkɔɔ ne mfitiaseɛ nnwomasua sukuu no fa bi wɔ Botswana, Zimbabwe, ne The Gambia . Akyire no ɔkɔɔ Accra Academy kɔyɛɛ ntoasoɔ sukuu, faako a ɔnyaa ne A-Level adansedie krataa wɔ afe 1993 . Ne ntoasoɔ sukuu akyi no, ɔde ne din kɔhyɛɛ Kwame Nkrumah Universitty of Science and Technology mu sɛ ɔrekɔyɛ Bachelor of Arts Degree wɔ Sculpture mu, na ɛno akyi no ɔwiee sukuu wɔ afe 1999.

Adwuma

[sesa]

Berɛ a na ɔwɔ suapɔn no mu no, Swaniker yɛɛ adwuma sɛ obi a ɔsuaa duadwumfo adwuma titire wɔ Art Deco Ltd. Bosome nsia akyi a ɔwiee Kwame Nkrumah University of Science and Technology, ɔhyehyɛɛ Accents & Art Ltd Ghana adwumakuo bi a wɔde dadeɛ na ɛyɛ, poma ne ahwehwɛ yɛ adwinni ho nnoɔma, na wɔde Design and Technology Institute (DTI) nso ka ho.[11]

Ɛnam ayɔnkofa a wɔne suapɔn ahodoɔ te sɛ Kwame Nkrumah University of Science and Technology, Ashesi Suapɔn, Takoradi Technical Suapɔn, ne Ho Technical Suapɔn, Accent & Arts atumi de adwumayɛ ho nteteeɛ ne apam mu adesua ama mmabunu bɛboro 600 firi afe 2009.

Oforisuo 2016 mu no, Swaniker hyehyɛɛ na ɔbɛyɛɛ Design and Technical Institute (DTI)[12][13][14][15][16] no adwumayɛfoɔ panin, adesua asoɔeɛ a wɔayɛ sɛ wɔde bɛsi nsonsonoeɛ a ɛda adesua ne nnwuma ntam no ano. Ne dae ne sɛ ɔde n’asɛm no bɛdi dwuma de ahyɛ mmaa pii nkuran ma wɔakɔ ɔfrɛ ahodoɔ a wɔtaa de asi hɔ ama mmarima no mu.

Nnwuma

[sesa]

Wɔde Swaniker adwuma no akyerɛ wɔ ɔyɛkyerɛ ahodoɔ pii mu wɔ Ghana ne aman foforɔ. Nea ɛka ho ne deɛ di kan a ɔde kyerɛɛ no; Passage of Discovery, a wɔyɛɛ wɔ Alliance of Artists Gallery no. Dwumadie no firi ase wɔ Ayɛwohomumɔ bosome ne da a ɛtɔso 22 kɔsi Kitawonsa bosome ne da ɛtɔso 6, 2011. Wɔde n’adwuma nso kyerɛɛ wɔ Juxtaposed, Light & Darkness ɔyɛkyerɛ a wɔyɛɛ no Nike Arts and Cultural Center adan mu wɔ Nigeria firi Obubuo bosome ne da a ɛtɔso 5 de kɔsi Obubuo bosome ne da a ɛtɔso 14, 2011. Wɔ Ɔbɛnem 2015 mu no, wɔde ne nnwuma kyerɛɛ wɔ UNESCO adwumayɛbea ti wɔ Paris.

Abasobɔdeɛ

[sesa]

Wɔagye Swaniker nnwuma atom wɔ mpatam hɔ ne amanaman ntɛm. Wɔ afe 2010 mu no, na ɔnyaa The Network Journal Africa 40 under 40 Achievement abasobɔdeɛ. Saa afe no ara mu no, SME Innovation Abasobodeɛ nhyehyeɛ no gyee no toom sɛ ɔyɛ adwumayɛni a ɔsen obiara. Wɔ afe 2013 mu no ɔmaa no LISCO Be Your Dream Award, ne Metal Product of the Year Award. Saa afe no ara mu no na ɔyɛɛ mantam ɔman nkonimdifoɔ wɔ Africa's Most Influential Women in Leadership and Governance abasobɔdeɛ mu. Wɔ afe 2014 mu no, n’adwumakuo, Accent and Arts na ɛyɛɛ ɔman ne mantam nkonimdifoɔ wɔ Metal fabrication dwumakuo abasobɔdeɛ wɔ saa afe no mu. Wɔ afe 2017 mu no na ɔnyaa Africa's Most Influential Women in Business and Government, ne Woman of Excellence, wɔ Ghana nnwumakuo abasobɔdeɛ no mu. Ɔnyaa Ghana Manufacturing abasobɔdeɛ foforɔ wɔ afe 2018 mu.

N'asetena mu nsɛm

[sesa]

Constance Swaniker yɛ ɛna a wahyira ne ho so a ɔwɔ mma mmienu (2)[17].

Nsɛm a wɔde gyinaa so

[sesa]
  1. Precision quality, mindset change major game changers for businesses - Constance Swaniker (in American English), 2022-06-10, retrieved 2025-05-22
  2. We need to make vocational schools more attractive - Constance Swaniker - MyJoyOnline (in American English), retrieved 2025-05-22
  3. "Constance Swaniker", The HACSA (in American English), archived from the original on 2022-08-14, retrieved 2025-05-22
  4. "Leadership", Design & Technology Institute (in American English), archived from the original on 2022-08-17, retrieved 2025-05-22
  5. Ring the Bell for Gender Equality - Ghana Stock Exchange (in American English), 2022-12-15, retrieved 2025-05-22
  6. Super User, myghanalinks - Challenge for 21st Century industry in Ghana, Africa: Constance Swaniker on precision quality, technical skills (in British English), retrieved 2025-05-22 {{citation}}: |last= has generic name (help)
  7. Graduates Urged to Venture into Job Creation Even as they Seek Jobs | Volta Online (in English), 2021-02-01, retrieved 2025-05-22
  8. Nelly Murungi (2019-04-18), The journey so far: Constance Swaniker, CEO, Accents & Art (in American English), retrieved 2025-05-22
  9. Constance Swaniker (in American English), retrieved 2025-05-22
  10. Constance Elizabeth Swaniker | WEF (in American English), 2016-12-14, retrieved 2025-05-22
  11. International Finance Corporation (IFC) (in English), retrieved 2025-05-22
  12. 5 Young entrepreneurs receive $22,000 support (in British English), 2021-08-02, retrieved 2025-05-22
  13. admin (2021-11-17), Let's change the narrative around technical and vocational education -DTI CEO (in British English), retrieved 2025-05-22
  14. GNA (2021-04-28), Precision and quality, pre-requisite tools for producing excellent results - DTI | News Ghana (in American English), retrieved 2025-05-22
  15. Kwabena Frimpong Manso- Journalist (2021-11-12), Let’s change the narrative around Technical and Vocational Education – DTI CEO - Republic Online (in American English), retrieved 2025-05-22
  16. "Develop core values to propel your businesses, artisans told - Freedom Radio GH Newsroom", Freedom Radio GH Newsroom (in American English), archived from the original on 2022-06-25, retrieved 2025-05-22
  17. User Profile (in English), retrieved 2025-05-22