Concert Party Abakɔsɛm
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Sɛ yɛka concert party abakɔsɛm a na yɛrekyerɛ berɛ a concert party baa ɔman Ghana mu ne dwumadie a ɛbɛdii wɔ ɔman Ghana mu. Concert Party yɛ ahwɛgorɔ a nnipa ka wɔn ho bɔ mu yɛ ma nnipa ani gye. Wɔyɛ de ka afotusɛm kyerɛ nnipa.[1]Na ɛkwan bi nso no wɔama nnipa ani agye. Deɛ wɔyɛ ne sɛ wɔbɔ dwa ma nnipa bɛtena aseɛ. Ɛtɔ da mpo a wɔgye sika ansa na wɔama nnipa abɛtena hɔ ahwɛ bi. Ɛyɛ adeɛ a na ɛyɛ anika nanso wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ kɔnsɛt no mu no, wɔhunu wɔn sɛ atetekwaafoɔ a nnipa mmu wɔn.
Abakɔsɛm
[sesa]Abakɔsɛm wɔ Concert Party ho no kyerɛ mu fa Tikya Yalley a ɔfiri Sekondi a ɛwɔ atɔeɛ mantam mu.Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ panin wɔ Sekondi elementary sukuu. Na wɔkyerɛ sɛ ɔno na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔbɛyɛ kɔnsɛt wɔ ne sukuu mu hɔ wɔ afe 1918 mu.[2] Dwumadie a na ɔdi no bi ne sɛ ɔyi nsɛmkwaa,nwontoɔ ne asa ma nnipa ani agye. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ne ho bɛyɛ sere no nti,na ɔhyɛ ntadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ sere.Afei ɔtumi de nwii tetare n’ano ho ne n’abɔgyesɛ ma n’animdua no yɛ sere.
Ne kɔnsɛt a na ɔyɛ no,na ɔyɛ no wɔ brɔfo kasa mu.Ɛno nti na wɔn a akɔ sukuu na wɔkɔhwɛ n’ahwɛgorɔ no. Afei nso na wopɛ sɛ wokɔ hwɛ bi a, na wɔgye wo aboɔden ansa na wɔama wo kwan ama wakɔhwɛ bi. Wɔn a wɔhunuu Yalley dwumadie no kyerɛ sɛ na ɔwɔ nnipa mmienu a wɔboa no wɔ ne kɔnsɛt no mu.[3]
Bob Johnson a na ɔyɛ Fanteni no kyerɛ sɛ na Tikya Yalley ahwɛgorɔ tumi di dɔnhwere mmiɛnsa ansa na wapɔn. Nneɛma mmiɛnsa a na ɛma Tikya Yalley ahwɛgorɔ no da nso ne:
- Wɔn a wɔkɔhwɛ no yɛ wɔn a akɔ sukuu.
- Ɔde brɔfo kasa na ɛyɛ ne kɔnsɛt no.
- Ɔgye sika aboɔden ansa na wɔama wo kwan awura mu akɔhwɛ bi.
Nipa baako nso a ɔdii concert party mu akotene paa na ɔbɔɔ ne ho mmɔden maa concert party gyinaa ne nan so wɔ tete berɛ no mu ne Ishmael Johnson. Wɔwoo no afe 1904 mu wɔ Saltpond wɔ mfinfini mantam mu. Akyire yi na ɔtu kɔɔ Sekondi. Johnson de ne ho hyɛɛ kɔnsɛt ahodoɔ a ɛkɔɔ so berɛ a na ɔwɔ sukuu no mu. Na adeɛ baako a ɛhyɛɛ no nkuran wɔ kɔnsɛt adwuma no mu ne Tikya Yalley kɔnsɛt a na ɔyɛ no. Ɛfiri sɛ na ɔboa hyehyɛ beaeɛ a Tikya Yalley yɛ ne kɔnsɛt no.Ɛtɔ da mpo a na ɔnya akwanya no ne Yalley di dwuma. Nneɛma nso a ɛmaa Johnson ani gyee kɔnsɛt ho ne ahwɛgorɔ a na wɔyɛ no wɔ asɔre dan mu a wɔka Akan kasa ne sini a Charlie Chaplain wɔ mu.[4]
Bɛyɛ afe 1920 no mu no, Johnson ne ne nnamfofoɔ mmienu a wɔne C.B Hutton ne J.B Ansah tee kuo a na wɔyɛ kɔnsɛt berɛ a asukuufoɔ ama kwan. Wɔn kuo bɛgyee din paa, na din a na ɛda wɔn so ne "The versatile eight" ɛfiri sɛ na wɔyɛ mmiɛnsa nanso wɔyɛ adwuma a nnipa nwɔtwe na ɛwɔ sɛ ɛyɛ.
Ɛfiri berɛ a kɔnsɛt baa ɔman Ghana mu no, edin "Bob" abɛyɛ edin a ɛda wɔn a wɔyɛ kɔnsɛt nyinaa so de bɛsi ɛnnɛ yi. Ɛfiri sɛ abakɔsɛm kyerɛ sɛ wɔn a wɔhyɛɛ kɔnsɛt ase paa no yɛ aborɔfo a na wɔyɛ mpoano hɔ.Na wɔn din de "Bob".Ɛno nti Bob abɛyɛ din a ɛrenfi kɔnsɛt mu.Ɛno nti na 1920s no mu hɔ no yɛbɛnyaa "Bob Johnson, Bob Ansah ne wɔn a ɛkeka ho nyinaa. Na ɛreba afe 1990s no mu hɔ nso na yɛbɛnyaa "Bob Santo,Bob Okala ne wɔn a ɛkeka ho.
Kɔnsɛt wɔ ɔman Ghana mu no bɛnyaa nkyekyɛmu mmienu.Wɔn a na wɔyɛ ahwɛgorɔ nko ara ne wɔn a na wɔto nnwom nko ara nanso akyire yi no wɔde kɔnsɛt bɛkaa wɔn nnwontoɔ no ho.Wɔn a na wɔyɛ ahwɛgorɔ nko ara no bi ne:
- Ghana Trio
- Fanti Trio
- Axim Trio
- Bob Cole’s group
Wɔn a wɔhyɛɛ aseɛ sɛ nwontoɔ kuo nanso akyire yi no wɔde kɔnsɛt bɛkaa wɔn nwontoɔ no ho no bi ne:
- Kakaiku concert party
- E.K Nyame’s Akan Trio
- The Happy stars band
- Kwaben Onyina’s Royal trio.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Michelle Gilbert (2020), Nathalie Kouamé, Éric P. Meyer, Anne Viguier (ed.), "Concert Parties in Ghana", Encyclopédie des historiographies : Afriques, Amériques, Asies : Volume 1 : sources et genres historiques (Tome 1 et Tome 2), TransAireS (in English), Paris: Presses de l’Inalco, pp. 373–378, ISBN 978-2-85831-345-7, retrieved 2025-07-15
{{citation}}: no-break space character in|work=at position 34 (help)CS1 maint: multiple names: editors list (link) - ↑ Michelle Gilbert (2020), Nathalie Kouamé, Éric P. Meyer, Anne Viguier (ed.), "Concert Parties in Ghana", Encyclopédie des historiographies : Afriques, Amériques, Asies : Volume 1 : sources et genres historiques (Tome 1 et Tome 2), TransAireS (in English), Paris: Presses de l’Inalco, pp. 373–378, ISBN 978-2-85831-345-7, retrieved 2025-07-15
{{citation}}: no-break space character in|work=at position 34 (help)CS1 maint: multiple names: editors list (link) - ↑ https://www.coursehero.com/file/92086965/Ghanaian-Concert-Partydocx/?utm_source=perplexity, retrieved 2025-07-15
{{citation}}: Missing or empty|title=(help) - ↑ https://go.gale.com/ps/i.do?id=GALE%7CA104520730&sid=googleScholar&v=2.1&it=r&linkaccess=abs&issn=00019933&p=AONE&sw=w&utm_source=perplexity, retrieved 2025-07-15
{{citation}}: Missing or empty|title=(help)