Centre for National Culture (Kumasi)
Centre for National Culture, kan no na yɛfrɛ no National Cultural Centre, yɛ beaeɛ a wɔda amammerɛ ho adesuadeɛ adi wɔ Kumasi. Wɔsii no afe apem aha nkron aduonum nsia (1956) na ɛwɔ Prempeh II tete nneɛma adekorabea. [1]
Abakɔsɛm
[sesa]Ansa na Ghana renya fahodie no, Alex A. Y. Kyerematen a ɔnyaa mmoa firii Asantehene Prempeh II ne Asanteman Council no firii aseɛ totoo nneɛma maa saa beaɛ yi mfiriaseɛ. Ɔfiri aseɛ sɛ Asante Cultural Centre na na n'atirimpɔ ne sɛ ɔpɛ sɛ ɔkora na ɔda Asante amammerɛ adi na wɔbuee saa beaeɛ yi ano afe apem aha nkron ne aduonum nsia (1956) mu. [2] Mmaeɛ a na ɛwɔ saa beaɛ yi mu ne nwomakorabea, asɔredan, beaeɛ a wɔda adwenneɛ adi, beaɛ a wɔhwɛ sini, beaeɛ a asa kɔ so ne tete adekorabea. Saa tete adekorabea yi yɛ deɛ ɛda petee mu. [2]
Wɔyɛɛ dwumadie bi de puee beaeɛ yi ano na ɛhɔ na Asantehene Prempeh II too fapem boɔ a ɛdi kan na saa boɔ yi ka nneɛma nneɛma a nkurɔfoɔ kɔ hwɛ berɛ a wɔakɔ sra saa beaeɛ yi ho. Saa boɔ yi wɔtoo din the "Traditional House for the Ashanti Museum and Art Gallery." [3] Berɛ a wɔde Ghanaman panin a ɔdi kan sii adwa so no, nsɛmsɛm bi sii ma wɔsesaa ɛdin no kɔɔ "National Cultural Centre" wɔ afe1963 mu na wɔ afe 1990 mu no, wɔsesaa edin no kɔɔ "Centre of National Culture" ɛsane nhyehyeɛ bi a PNDC aban no de too dwa. [4]
Baabi a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Kyerematen, A. A. Y. (1970). Ghana National Cultural Centre, Kumasi: Building for Future Generations. University Press.
- 1 2 Labi, Kwame (2008). "Toward a Museum Culture in Ghana: Processes and Challenges". Museum Anthropology. 31 (2): 107, 108. doi:10.1111/j.1548-1379.2008.00013.x.
- ↑ Kokonu, P. H. K. (2009). The Visual Arts of the centre for National Culture, Kumasi: their cultural importance in the development of Ghana.
- ↑ Nyame, G. (1979). Ghana National Cultural Centre: A Twenty-one Year Old Cultural Experiment.