Jump to content

Cecilia Marfo

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Cecilia Marfo yɛ Ghana nwontoni a ɔto Onyankopɔn ho nwom.Ɔsan yɛ ɔdiifoɔ ne ɔsɛmpakani a ɔwɔ nne soronko a ɔde to ayeyie dwom.Wayɛ Awurade adwuma bɛboro mfeɛ aduasa, a ɔhyɛɛ aseɛ too nwom firii ne mmɔfra ase wɔ asɔredan mu.[1]

Ne Ho Asɛm

[sesa]
  • Wɔwoo no Obubuo bosome ɛda a ɛtɔ so du wɔ Kumase-Bompata, Asafo Fante Newtown.[2]
  • Waware a ne kunu ne Mr. Clement Kofi Yeboah Adupedie a wɔwɔ mma mmiɛnsa (mmaa mmienu, ɔbarima baako).[3]
  • Ɔsan wɔ asɔredan wɔ Tema a ɔde yɛ Awurade adwuma. Wato no din sɛ "Osoreɛ Fie Worship Centre".[4]

Ne Nwontoɔ Adwuma

[sesa]
  • Ɛyɛ nwontoni Esther Smith na ɔhunuu no wɔ asɔre berɛ a na ɔreto nwom, ɛna ɔdii ne ho adanseɛ kyerɛɛ "Cebex Music Production" ma wɔtete no wɔ nwontoɔ mu.
  • Ɔde nwom apaawa bɛyɛ dummienu na aba abɔnten. Na ne nwom "Afunumu ba ne Mammerɛ Angu" na ɛyii no pueeɛ.

Ne Nwom Ahodoɔ

[sesa]
  • Afunuma Ba[5]
  • Di Kan
  • Ɔko no
  • Mammerɛ angu
  • Meda Wase
  • Yɔnko Nokwafoɔ
  • Wobɛsere
  • Onyame Kanea

Abaso Bɔ

[sesa]

Wagye abaso bɔ beberee a ɛbi ne:

  • Gospel Song of the Year
  • Gospel Album of the Year
  • Songwriter of the Year
  • Female Vocalist of the Year.
  • Wagye abaso bɔ a ɛfiri Vodafone hɔ ne African Gospel Awards.

Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Songtradr - Cecilia Marfo (in English), retrieved 2025-07-17
  2. Cecilia Marfo, Biography, retrieved 2025-07-17
  3. KWAKU MANU TV (2024-11-12), From Poverty to Grace: Cecilia Marfo’s Inspiring Journey in Gospel Music, retrieved 2025-07-17
  4. Simon Ayub (2020-10-05), Cecilia Marfo: 7 facts you need to know about the gospel musician - YEN.COM.GH (in English), retrieved 2025-07-17
  5. Cecilia Marfo - monthly listeners and total stream count, retrieved 2025-07-17