Jump to content

Cape Coast Castle Tete Nneɛma Korabea

Ɛfi Wikipedia

Cape Coast Castle Tete Nneɛma Korabea yɛ tete nneɛma akoraeɛ a ɛwɔ adan a ɛwɔ Cape Coat Castle adan no mu baako mu. Saa adekorabea yi wɔ Ghana mfinifini mantam no mu na wɔpaa ho ntoma wa afe apem aha nkron aduoson (1970). Wɔ afe apem aha nkron aduoson nnan (1974) mu no, GMMB yɛɛ nsiesie bi wɔ ho na UNDP,  USAID, the Smithsonian Institution, Ghana Aban ne nnwumakuo a wɔyɛ adwuma a wɔngye akatua (NGOs) faa ho ka. [1]

Wɔ saa tete nneɛma korabea yi mu no, ahɔhoɔ nya hokwan hwɛ nneɛma a wɔde dii dwuma wɔ nkoatɔn mu wɔ Abibirem ha ɛnkanka Ghana. Saa nneɛma yi bi ne maapo ahodoɔ, whisky toa, ɛtuo, awenneɛ a wɔde glase ayɛ, akofena, terracotta figurines, abakaba a wɔde guu nkoa nnan, wɔn nsa ne wɔn kɔn mu, abibifoɔ a wɔagye din ho mfoni, nneɛma a wɔde bɔ nnwom, akyeampoma, ntoma, po so hyɛn a wɔde faa nkoa ho mfoni,ne deɛ ɛkeka ho. [2]

Afei nso, wɔnya kwan hwɛ nkoa tɔn ho abakɔsɛm sini ahodoɔ a wɔato din Cross  Roads of Trade ne Cross Roads of People. Wɔsane nso nya kwan hwɛ baabi a wɔde nkoa guiɛ (dungeons), kɔndɛm sell ne pon a wɔfa mu a woremma bio “Door of No Return” no. [3]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. http://gmmb.gov.gh/the-cape-coast-castle-museum-1974/
  2. https://www.researchgate.net/profile/Emmanuel-Adu-Ampong/publication/258170299_The_Visitor_Experience_at_Sensitive_Heritage_Sites_A_Case_Study_of_the_Cape_Coast_Castle_Ghana/links/00b495272844254a3c000000/The-Visitor-Experience-at-Sensitive-Heritage-Sites-A-Case-Study-of-the-Cape-Coast-Castle-Ghana.pdf
  3. https://www.researchgate.net/profile/Hermann-Von-Hesse/publication/319594642_Illusions_of_Grandeur_and_Protection_Perceptions_and_MisRepresentations_of_the_Defensive_Efficacy_of_European-Built_Fortifications_on_the_Gold_Coast_Seventeenth-Early_Nineteenth_Centuries/links/5cc1ada44585156cd7b01ee5/Illusions-of-Grandeur-and-Protection-Perceptions-and-MisRepresentations-of-the-Defensive-Efficacy-of-European-Built-Fortifications-on-the-Gold-Coast-Seventeenth-Early-Nineteenth-Centuries.pdf#page=289