C.K. Mann
Charles Kofi Mann | |
|---|---|
| Awo din | Charles Kofi Amankwaa Mann |
| Also known as | C. K. Mann |
| Awo bere | 1936 Cape Coast |
| Died | March 20, 2018 (aged 81–82) Takoradi |
| Genres | Highlife |
| Years active | 1960–2013 |
Charles Kofi Amankwaa Mann (1936 – Ɔbɛnem 20, 2018), a ɔsan frɛ no C. K. Mann, na ɔy3 a Ghanani highlife dwontoni ne dwontwerɛfoɔ.[1]
Abrabo ne Adwuma
[sesa]Wɔwoo C. K. Mann wɔ afe 1936 mu wɔ Cape Coast a ɛwɔ Ghana mfinimfini mantam mu. Ɔyɛɛ adwuma kakra sɛ po so hyɛnkafo ansa na ɔreba Moses Kweku Oppong's Kakaiku band.[2]
Bere a ɔtee Ghana nnwom no, ɔde ne ho bɔɔ Ocean Strings na odii nnwom kuo no anim kosii afe 1965. Bere a kuw no gyaee adwuma no, ɔde ne ho kɔkaa kuw foforo bi a na wɔato din The Carousel 7 wɔ Takoradi. Ɔbɛyɛɛ obi a wagye din wɔ afe 1969 mu bere a ɔyii "Edina Benya" no. Ɔno na ɔhyɛɛ Anis Mubarak a na ɔyɛ nnwontofo kuw no wura no nkuran ma ɔde Paapa Yankson baa nnwontofo kuw no mu. [3] Mann de atɔe fam nnwom bi kaa Osode, Ghana mpataafo nnwom a na wɔto no ho[3]
C.K Mann wui wɔ Ghana Ports and Harbour Authority (GHAPOHA) ayaresabea a ɛwɔ Takoradi wɔ Ɔbɛnem 20, 2018, bere a yare bi a wɔnkyerɛ mu a ɛkɔɔ so wɔ Ɔpɛnimma ne da a edii kan no mu.
Ne Nnwom
[sesa]C.K Mann to nnwom pii a na agye din, a ebi ne "Adwoa Yankey", "Asafo beesuon", "Obaa yaa aye me bone", "Kolomashie", "Dofo bi akyerew me", "Ankwasema dede", "Okwan tsentsen awar", "Aboa akonkoran", "Beebi a odo wo", "Tsie m'afotusem", "Ebusua ape adze aye me", "Yebeyi wo aye", ne "Do me ma mondo wo bi". Ne nnwoma etwa to, Wope Nye Ho a West Gold Music Studio a ɛwɔ Takoradi na ɛyɛe na wɔyii no adi wɔ afe 2013 mu
N'abasobodeɛ
[sesa]Wɔ afe 2006 mu no, Ɔmanpanin John Agyekum Kufour de Ghana Nnwom ho abasobɔde maa C.K Mann.[4]Ɔkaa wɔn a wodii kan nyaa saa abasobɔde yi bere a wɔsakraa dwumadi no wɔ afe 2006 mu no ho.[4][5]
Baabi a menyaa mmoa
[sesa]- ↑ The Late C. K. Mann, ‘Highlife Master’, ‘Osodehene’: A True Ghanaian Original. (in English), retrieved 2026-05-15
- ↑ C.K. Mann Songs, Albums, Reviews, Bio & More |... (in English), retrieved 2026-05-15
- 1 2 Ghana's Highlife Music Collection : C.K. Mann, retrieved 2026-05-15
- 1 2 Ghana Honours Her Heroes, Heroines (in English), retrieved 2026-05-15
- ↑ Ghana Honours Her Heroes, Heroines (in English), retrieved 2026-05-15
- ↑ 'C.K Mann Is Back To Revive Highlife Music' (in English), retrieved 2026-05-15