Jump to content

Côte d’Ivoire

Ɛfi Wikipedia

Côte d'Ivoire anaasɛ Ivory Coast, a yɛnim no sɛ Republic of Côte d'Ivoire, yɛ ɔman a ɛwɔ Abibirem Atoeɛ mpoano anaafoɔ afam (West Africa). Ne kuropɔn ne Yamoussoukro a ɛwɔ ɔman no mfinfini. Wɔ ɔman no mu no ɛkuro keseɛ a dwadie ne nnwuma kɔsoɔ wɔ hɔ ne suhyen gyinabea a ɛne Abidjan. Ɔne ɔman a yɛfrɛ Guinea na ɛbɔhyeɛ wɔ atifi atoeɛ, ɔne ɔman Liberia nso bɔ hyeɛ wɔ atoeɛ fam, ɔne ɔman Mali bɔ hyeɛ wɔ atifi atoeɛ, ɔman Burkina Faso nso ɔne no bɔ hyeɛ wɔ atifi apueɛ fam, na ɔne ɔman Ghana bɔ hyeɛ wɔ apueɛ afam, na ɔne Atlantic Ocean's Gulf of Guinea nso bɔ hyeɛ wɔ aaafoɔ afam. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu-nnan (2024) no mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔpepe aduasa baako ne akyirepɔ nnum (31.5 million). Ivory Coast man no yɛ ɔman a ɛtɔso mmiensa a wɔn dodoɔ no dɔɔso paa ara yie wɔ Atoeɛ Abibirem. Wɔn kasapɔn ne French kasa, na wɔn sanso de kasa ahodoɔ a ɛyɛ ɔman no kasa bi tesɛ Bété, Baoulé, Dyula, Dan, Anyin, and Cebaara Senufo nso di dwuma paa.[1]

Bea me nyaa mmoa

[sesa]
  1. https://achpr.au.int/en/member-states/cote-divoire