Jump to content

Bright Tetteh Ackwerh

Ɛfi Wikipedia

Bright Tetteh Ackwerh yɛ Ghanani a ɔde adwene di dwuma a ɔyɛɛ adwene yi bi wɔ kwan ne mmeae ahodoɔ pii woagye din pa ara. Woayɛ adweneɛ yi wɔ Ghana ne Abibirem Atɔeɛ. Ɔde he ho sii hɔ de adwene dii dwuma maa Ghana ne Abibirem Atɔeɛ adwenedwuma yɛɛ fɛ.[1]

Abrabɔ ahyɛeaseɛ

[sesa]

Wɔwɔɔ Bright wɔ Nkran a ɛwɔ ɔman Ghana mu. Bright kɔɔ sukuu wɔ Accra Academy na ɔsuaa Visual Arts wɔ n'adantam sukuu ansa na ɔrekɔ ne ntoasoɔ sukuu a ɛyɛ suapɔn no wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST) na ɔsuaa BFA ne MFA degree wɔ painting mu.[2] Ɔwiee ne degree a ɛdi kan no wɔ 2011 na ɔsomm sɛ ɔkyerɛkyerɛni abadiakyerɛ wɔ suapɔn no ara mu wɔ n'afe na ɛdi n'anim.

N'adwumayɛ

[sesa]

Ɔhyɛɛ aseɛ nwene adweneɛ ahodoɔ too ntanɛte so na afei nso ɔpante mmae ahodoɔ a ɛwɔ Nkran mmɔntene so. Wadan adwene bebree wɔ ɔman Ghana mu ne amanɔne. Adweneɛ no bi ne: Art X Lagos ɔyɛkyerɛ wɔ Nigeria,[3] blockbuster ɔyikyerɛ a Blaxtarlines hyehyɛɛ no wɔ Kumasi ne Chale Wote Street Art FestivalNkran.

Afe mpenu ne du-nsia (2016) mu no ɔgyee Kuenyehia abasobɔdeɛ a wɔhyehyɛɛ no wɔ Ringway Estates a ɛwɔ Nkran.[4][5] Mfeɛ bebree nie, Bright de ntanɛt akyɛ ne nnwuma na ɔgyinaa ne botae a ɔnyaa no wɔ n'adweneɛ adwuma no mu.

Afei nso na ɔka ekuo dwumadie a wɔhyehyɛɛ no wɔ Nkran, Paris, Johannesburg ne Los Angeles. Ahinime bosome afe mpenu ne du-nson (2017) mu no, ɔde ne ho hyɛɛ Ahinime bosome deɛ no mu wɔ CNN Abibire nne.[6] Ɔsane nso ka Barclays L'Atelier adweneɛ akansie a wɔhyehyɛɛ no 2017 na ɔka nnipa du a wɔyii wɔn no.[7][8][9]

Ne sononko yɛ

[sesa]

Ɛkwan a ɔfa so yɛ n’adwuma no yɛ sedeɛ Ghana amanyɔsɛm si teɛ ne Nyamesom mu nsɛnsɛm a sɛ wohunu a ɛtwetwe nkɔmmɔ, akyinnyegyeɛ ne anoyie a ɛfata. Ɔnwene ma ɛtwe nkranhyɛ firir Fela Kuti deɛ mu ne Abibire mu akukudam a wɔn adweneɛ no de nsɛm to dwa.

Ɔgye di sɛ yɛn nnwom wɔ tumi sɛ ɛbenya nsunsuansoɔ na ahyɛ nnipa nkuran na yɛwɔ ɛkwan mmiene ne mmiɛnsa bi wɔ hɔ a ɛfa so yɛ adwuma na ɛdan sɛdeɛ adwenneɛ ahodoɔ de to dwa no.

Abasobɔdeɛ

[sesa]

Wɔ afe mpenu ne du-nsia (2016) mu, Bright Ackwerh gyee Kuenyehia abasobɔdeɛ a ɛfa Ghanafoɔ wɔyɛ adwenefoɔ abasobɔdeɛ nhyehyɛeɛ.[10]

Baabi a menyaa moa

[sesa]
  1. "Bright Ackwerh". UNESCO (in English). 20 April 2018. Retrieved 11 July 2019.
  2. "Artist Bright Ackwerh shares insights into the impact of popular art". ashesi education (in British English). Archived from the original on 15 December 2017. Retrieved 15 December 2017.
  3. "Art X Lagos, Exhibition of Works by Bright Tetteh Ackwerh, Latifah Iddriss, Owusu Ankomah & Marigold Akufo-Addo, November 2016". ANO. Archived from the original on 20 March 2019. Retrieved 20 March 2019.
  4. "Bright Ackwerh wins 2016 Kuenyehia prize for Contemporary Ghanaian Art" (in American English). 18 April 2016. Retrieved 15 December 2017.
  5. The Mirror,"Bright Ackwerh is art prize winner", Graphic Online, 22 April 2016.
  6. Es,"7 Artworks From Bright Ackwerh" Nhwɛsoɔ:Webarchive, How Ghana, 26 October 2017.
  7. "World Press Freedom Day 2018". UNESCO. Retrieved 20 March 2019.
  8. Adie Vanessa Offiong,"Bright Ackwerh: My art and I", Daily Trust, 15 October 2017.
  9. "Bright Ackwerh Uses His Polarizing Satirical Illustrations To Tell the Hard Truths of the World". okayafrica. Retrieved 20 March 2019.
  10. "Bright Ackwerh wins 2016 Kuenyehia Prize for Contemporary Ghanaian Art". GhanaWeb (in English). Retrieved 11 July 2019.