Jump to content

Bretuo (Akanfoɔ Abusuakuo)

Ɛfi Wikipedia
Wɔn akraboa ne Ɔsebɔ

Bretuo ne Tena abusua yi ka Akanfoɔ mmusuakuo nnwɔtwe no ho. Wɔtaa frɛ no "etene ne bretuo" ɛfiri sɛ, "etene/tena" no yɛ Bretuo Abusuakuo no nuabaa kumaa. Afei nso, abusua yi yɛ Agona Abusua no nuabaa. Fantefoɔ frɛ wɔn Twidanfo [1] Wɔn piesie ne Barima Kwadwo Ofori Brempɔn. Tete no, na wɔfrɛ saa abusua yi “Sabarima” anaa “Brempɔn”. Wɔn nnyesoɔ ne “Otwie-Na”, “Yaa etwie Nana”, "Yaa twidan" anaa "Yaa tana".[2]

N'akraboa

[sesa]

Wɔn akraboa ne etwie anaa ɔsebɔ. Tei nti, wɔn mu nnipa wɔ akokoduro na wɔani yɛ den nso. [1]

Nkuro a wɔdɔm abusua yi

[sesa]

Wɔn nkuro no bi ne Asante Mampɔn, Ayaase, Afigyaase, Ahensan, Kwahu, Abomasu, Yɔnso, Gyamaase, Adanse - Ayaase, Adanse - Ahensan, Ofoase, Abootan, Baworo, Kyekyebiase, Asenemanso, Mprem, Adudwam, Donyina, Yonso, Nintin, Tewobaabi, Adibinsokese, Atasemanso, Kyekyewere, Bedomase, Apaa, Domeabra, Agogo - Hwidiem ne Adankranya. [3]

Ahemfoɔ a wɔdɔm Bretuo abusua

[sesa]

Ahemfoɔ a wɔdɔm Asona abusua ne: [1]    

  • Asante Mamponhene
  • Asanteman Kontihene  
  • Kwahumanhene  
  • Affigyaasehene    
  • Asante  Affigyaasehene    
  • Kwahu Abetifihene  
  • Amoafohene
  • Adankrannyahene
  • Gyammaasehene  
  • Baworohene  
  • Apaahene  
  • Agogo Hwidiemhene  
  • Abuontemhene  
  • Ofoasehene  
  • Domeabrahene  
  •  Adanse  Ahensanhene  
  • Ayaasehene  
  • Donyinahene  
  • Atasemansohene  
  • Gyamaase
  • Kyekewerehene  
  • Asenemasohene  
  • Adudwanhene  
  • Pepeasehene        
  • Kwahu Apaahene
  • Kyekyebiasehene
  • Nintinhene
  • Bedomasehene

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ

[sesa]
  1. 1 2 3 http://www.asanteman.org/bretuo.html
  2. https://quarmyneofoe.wordpress.com/2019/04/19/the-clans-of-the-akan-tribe/
  3. https://www.researchgate.net/publication/381709199_Historical_Narratives_of_the_Eight_Akan_Clan_Systems_Using_Museum_Theater_The_Case_of_Prempeh_II_Jubilee_Museum_Ghana