Bradwom
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Bradwom yɛ nnwom bi a Akanfoɔ mmaa to berɛ a wɔregoro obi a waduru ne mpaninfeɛ so bra. Akanfoɔ de kyerɛ wɔn anigyeɛ, ahosɛpɛ ne gyinaberɛ a wɔwɔ mu de ma wɔn mma mmaa a wɔatumi atena aseɛ ayɛ bra na wɔde wɔn asi hɔ. Ɛyɛ animuonyam kɛse ma abaayewa no, n’awofoɔ ne n’abusuafoɔ nyinaa.[1][2]
Botaeɛ
[sesa]Akanfoɔ nam saa bradwom yi so tete wɔn mma, ma wɔhunu deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ wɔn asetena mu. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ brapa, sua anidie, aduaneno, kasadɛ, obuo ne ahobrɛaseɛ a wɔde ma mpaninfoɔ. Ɛkyerɛ wɔn bio sɛ wɔsi so na wɔrepɛ awareɛ a wɔnhwehwɛ mu yie.[3]Ne tiawa mu ara ne sɛ, Akanfoɔ nam bradwom so tu brafoɔ no ne mmaayewa a wɔaka no fo, wɔde kyerɛ wɔn asetena a ɛyɛ ma ɔkanni biara sɛ ɔbɛsua.[4]Wɔde bradwom bɔ dawuro, kyerɛ sɛ abaayewa no anyini a afei deɛ obi tumi srɛ no awareɛ.[5]Wei nti wɔde bradwom di dwuma a ɛdidi soɔ yi:
- Wɔde bradwom tu fo. Wɔde hyɛ mmabaa a wɔasi so no nkuran ma wɔhwɛ wɔn ho so yie.
- Wɔde bɔ dawuro ma ɔmanfoɔ hunu sɛ abaayewa bi aduru ne mpaninfeɛ so na afei deɛ ɔbɛtumi aware.
- Wɔde srɛ adeɛ.Wɔnam bradwom so srɛ sika ne nnoɔma ahodoɔ firi Nyame, ne sunsum nkaeɛ ne ne manfoɔ hɔ.
- Wɔde da ase. Wɔde da Nana Nyankopɔn ne sumsum nkaeɛ no ase sɛ wɔabɔ abaayewa no ho ban abɛpem saa berɛ no. Wɔsan de da ɔmanfoɔ a wɔreboa no nyinaa ase.
- Wɔde hyɛ abaayewaa no ne n’awofoɔ animuonyam sɛ watena ne ho ase na wankɔfa afuro.[6]
Bradwom Hyehyɛbea
[sesa]Sɛ wɔregoro bra a, wɔde osebɔ na ɛhyɛ aseɛ.Afei ansa na mmaa no ama dwom no so:
Osee yie e!……Yiee Yiee!
Otwereduampɔn e, yɛda wo ase o!
Yɛda wo ase Amene o!
Yɛn na yɛnnie o!
Nneɛma A Wɔde Goro Bradwom
[sesa]Bradwom yɛ Akanfoɔ agorɔ a ɛyɛ soronko nti no ɛho nneɛma nso yɛ soronko. Saa mneɛma yi ne firikyiwa ne nnawuta, akasaa, donno, asɔ ne nsamubɔ.
Bradwom Mu Nsɛntitire
[sesa]Bradwom mu nsɛntitire taa fa nnoɔma a ɛdidi soɔ yi ho:
- Awadeɛ mu ahuntasɛ
- Ɔdɔ
- Anigyeɛ ne ahosɛpɛ
- Atɛnnidie ne akuta
- Adesrɛ
- Abateteɛ papa
- Nhwɛsopa
- Ahosiesie.
Bradwom Ahodoɔ
[sesa]Bradwom ahodoɔ no gyina dwuma ahodoɔ anaa botaeɛ a wɔde to dwom no so. Yɛwɔ deɛ;
- Deɛ wɔde bɔ dawuro
- Deɛ wɔde da aseɛ
- Deɛ wɔde kyerɛ anigyeɛ
- Deɛ wɔde bɔ akutia
- Deɛ wɔde hoahoa wɔn ho
- Deɛ wɔde tu fo ne ade.
Bradwom Kasasu Ne Nhyehyɛeɛ
[sesa]Bradwom mu nsɛm no yɛ ntiantia. Ne kasasu mu nso no, yɛtaa nya ntimu ahodoɔ ne nsawosoɔ. Emu nsɛm no taa yɛ nkamfoɔ, aseda, nnyinahɔma, ntotohosɛm ne ade.
Beaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ
[sesa]- ↑ Paschal Younge (2022-10-29), Ghana Music Events: Celebration of Traditional Ghanaian Music and Dance, retrieved 2025-07-15
- ↑ Akan Oral Literature | PDF | Home & Garden | Wellness (in English), retrieved 2025-07-15
- ↑ K. Agyekum (2011), Akan Kasadwini (Akan Oral Literature) (in English), retrieved 2025-07-15
- ↑ Peter Arthur, Confidence Gbolo Sanka, Philomena Abaka (2021-08-31), "The Textuality of "Anansesεm": A Pedagogical and Ideological Resource in Traditional Human Relations among the Akans in Ghana", Advances in Language and Literary Studies (in American English), vol. 12, no. 4, pp. 35–47, doi:10.7575/aiac.alls.v.12n.4.p.35, ISSN 2203-4714, retrieved 2025-07-15
{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link) - ↑ Emmanuel Kwarteng (2022-09-21), How this West African Tribe Guards the Virginity of its Teenage Girls (in English), retrieved 2025-07-15
- ↑ Puberty rites - 1501 Words | Studymode, retrieved 2025-07-15