Jump to content

Bosomtwe

Ɛfi Wikipedia

Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɔbɔfoɔ bi a na wɔfrɛ no Akora Bompe a ɔfiri kokofu Asaman bɛbɔɔ ne sese wɔ kwaeɛ yi mu. Ɛno nti da koro bi na ɛyɛ dabɔne, na ɛyɛ akwasidɛɛ a wɔnkɔ ahayɔ, nanso ɔbɔfoɔ yi yɛɛ n'adwene sɛ ɔkɔpɛ biribi ne ne yere abɛdi.[1] Ɔnenam no ara ɔkɔtoo ɔtwe, na ɔbɔɔ ɔtwe no tuo, nanso aboa no anwu, ɛno nti ɔbɔfoɔ no dii mogya a ne tuo no de aberɛ ɔtwe no akyi kɔhunuu sɛ ɔtwe no gyina ɔtadeɛ ketewa bi ano. Ɔbɔfoɔ yi sane bɔɔ ɔtwe yi tuo maa aboa yi too ne ho too ɔtadeɛ yi mu.[2]

Ɛno nti ɔbɔfoɔ no de anigyeɛ yɛɛ n'adwene sɛ ɔrekɔfa aboa yi afiri nsuo no mu. Anwanwasɛm ne sɛ abɔfoɔ no duruu nsuo no ano no, na ɔhunuu nsuo no ase nanso wanhunu aboa ɔtwe no.[3] Wei maa ɔbɔfoɔ no bɔɔ hu sɛ na amaneɛ bɛn na ɔrebɛhunu no nnɛ Akwasidɛɛ yi. Ɔgyina redwendwene no ara, ɔhunuu se mpataa bi awuwu gu nsuo no ani na ebi nso nenam nsuo no mu a wɔnwuiiɛ. Wei maa ɔbɔfoɔ no kyeree mpataa no bi maa ne kraman a na ɔfrɛ no daakye sɛ ɔnwe, na sɛ ɔwu a, na kyerɛ sɛ saa ara nso na nipa we bi a ɔbewu.[4]

Nanso anwanwasɛm ne sɛ, nansa akyi no, ɔbɔfoɔ no hunuu sɛ ne kraman no reyɛ kɛseɛ, ɛno nti ɔhyɛɛ aseɛ ne ne yere wee ɛnam no bi.[5] Akyiri yi no ɔbɔfoɔ no hunuu sɛ asaase no wɔ wura nti ɔbaa kuro kɛseɛ mu bɛbɔɔ Nana Obiri Yeboah (Asantehene a ɔdi kan) amaneɛ maa ɔno nso ne ne dɔm dii ɔbɔfoɔ no akyi baa kwaeɛ no mu bɛhunuu sutadeɛ no, ɛnam sɛ na ɛda no yɛ da bɔne nti, ɔbɔfoɔ no nso susuu sɛ nsuo no yɛ ɔbosom na aboa ɔtwe no nso yɛ nsuo no ho bosom a ɔbɛyii ne ho adi kyerɛɛ no nti ɔtoo nsuo no din sɛ ɔbosom ɔtwe, na ɛno na nnɛ yi wɔabɛfrɛ no Bosomtwe, a ɔkyerɛ sɛ Ɔtwe a ɔyɛ Ɔbosom.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Bosomtwe District (in English), retrieved 2025-09-03
  2. GhanaRegions.com (2022-11-01), Bosomtwe District (in American English), retrieved 2025-09-03
  3. 8 Quick Facts About Lake Bosomtwe: Discover Ghana’s Only Natural Lake | Explore Kumasi (in American English), 2025-01-04, retrieved 2025-09-03
  4. BOSOMTWE DISTRICT ASSEMBLY 2021 POPULATION AND HOUSING CENSUS | Bosomtwe District Assembly, retrieved 2025-09-03
  5. Discover 40+ Ashanti Town Names with Meaning, Culture, and Pride | Explore Kumasi (in American English), 2025-04-21, retrieved 2025-09-03