Jump to content

Boɔkrom

Ɛfi Wikipedia

Boɔkrom yɛ kuro a ɛwɔ Kumase kuropɔn mu a ɛyɛ ɛboɔ din na da so. Sepe ne kuro a ɛbɛn Boɔkron. Atetesɛm ma yɛte aseɛ sɛ, ɛnam sɛ na abotan dɔɔso wɔ hɔ nti no na wɔpae boɔ wɔ hɔ. Ɛnam sɛ na wɔpae boɔ wɔ hɔ nti no, ɛbɛtwee nipa adwene baa hɔ maa afei na ɛhɔ na Asantefoɔ dodoɔ no ara kɔfa ɛboɔ de kɔsi wɔn adan san de di wɔn dwuma ahodoɔ.[1]

Ɛmaa obiara kɔfrɛɛ hɔ ɛboɔ kurom saa maa no bɛkaa hɔnom.[2] Sɛ woduru Boɔkrom ɛnnɛ da yi a, wohunu sɛ adan a ɛwɔ hɔ no sisi aboɔ so na wei ma yɛte aseɛ sɛ anokwa atetesɛm yi yɛ nokware turodoo.[3] Ɛno na maa yɛbɛnyaa din "Boɔkrom" a ɛkyerɛ sɛ ɛboɔ anaa abotan dɔɔso wɔ kuro no so.

Baabi A Menyaa Mmoa Firiiɛ

[sesa]
  1. Kevin Shillington (1995), History of Africa, Internet Archive, St. Martin's Press, ISBN 978-0-312-12598-1, retrieved 2025-09-01
  2. Discover 40+ Ashanti Town Names with Meaning, Culture, and Pride | Explore Kumasi (in American English), 2025-04-21, retrieved 2025-09-01
  3. Buokrom (in English), retrieved 2025-09-01