Biyi Bandele

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Biyi Bandele
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipNigeria Sesa
name in native languageBiyi Bandele Sesa
birth nameBiyi Bandele-Thomas Sesa
family nameBandele Sesa
date of birth13 Ahinime 1967 Sesa
place of birthKafanchan Sesa
date of death7 Ɔsanaa 2022 Sesa
place of deathLagos Sesa
native languageYoruba Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Nigerian Pidgin, Yoruba Sesa
educated atObafemi Awolowo University Sesa
notable workThe Street, Half of a Yellow Sun Sesa
related categoryCategory:Films directed by Biyi Bandele Sesa
personal pronounL485 Sesa

Biyi Bandale (Biyi Bandale-Thomas ne ne din ankasa a n'awofoɔ de maa no) yɛ obi a wɔtwerɛ ayɛsɛm, nhomatwerɛfo na afei nso ɔtwa sini[1]. Wɔwoo Biyi Bandale wɔ Ahinime da a ɛtɔ so 13, afe 1967 na owui Osanaa da a ɛtɔ so 7, afe 2022 bere a na w'adi mfe 54[1]. Biyi Bandale twerɛɛ ayɛsɛm beberee, nea edi kan ne The Man Who Came in From the Back of Beyond (1991) na afei nso wɔtwerɛɛ agoro a wɔdi no baguam mu nsɛm pii ansa na wo refi ase abɛtwa sini. Sini edi kan a wɔtwae ne Half of a Yellow Sun wɔ afe 2013. Woyii emu nsɛm no firii ayɛsɛm a Chimamanda Ngozi Adichie twerɛw no afe 2006 no mu.

N'Abrabɔ Ahyɛaseɛ[sesa]

Bandale awofo yɛ Yorubafo. Wɔwoo no wɔ kuro Kafanchan a ɛwɔ Kaduna State, Nigeria, wɔ afe 1967 mu. Na ne Papa a ne din de Solomon Bandele-Thomas ka wɔn a wɔkɔɔ ɔko a wɔfrɛ no Burma Campaign wɔ wiase nyinaa ko a ɛtɔ so mmienu[1] no ho. Saa bere no nyinaa na Nigeria da so ara ka British Empire no ho. Bere a koowaa krataa bi a wɔfrɛ no This Day reka nsɛm bi a wɔbisabisaa Bandele ho asɛm wɔ afe 2013 mu no, wɔtwerɛɛ Bandele anom asɛm a ɛfa nea enti a wɔbɛyɛɛ nhomatwerɛfo no sɛ; " Bere a na meyɛ abofra no, mekae nsɛm ahorow a me Papa kɔɔ so kaa wɔ ne nkɔmmɔdie mu a emu fa kɛseɛ no ara fa ɔko ho...eyi ka nea ɛnti a m'ani gye ho sɛ mɛyɛ nhomatwerɛwfo no ho"[2]. Bere a Bandele dii mfeɛ 14 nu, wɔdii nkonim wɔ akansi a wɔyɛ ma wɔn a wɔtumi twerɛw nhoma tiawa no[3].

Bandele tenaa Nigeria atifi fam mfie 18 ansa na wɔretu akɔ Lagos. Wɔ afe 1987 mu no, wɔfiri nhomasua a ɛfa ayɛsɛm ho wɔ Obafemi Awolowo University, Ile-Ife[1][4], saa berɛ no nyinaa na wafiri ase retwerɛ ne nhoma a edi kan no[5]. Bandele dii nkonim wɔ akansie a wɔfrɛ no International Student Playscript competition a wɔyɛɛ no afe 1989 mu no. Wɔde sini a na wonnya mfa mmaa abɔnten a ne din de Rain mu nsɛm na edii nkonim ansa na wɔregye abasobɔ a British Council a ɛwɔ Lagos de maa no afe 1990. Na ɛno nso fa ayɛsɛm dodoɔ bi a wɔaka abɔ mu ho.[1][6]

Bandele kɔɔ London afe 1990 mu, saa bere no na w'adi mfeɛ 22 na na ayɛsɛm ahoroɔ mmienu[4]. Wɔ afe 1991 mu no, wɔde ne nhoma titiriw a edin a na ɛda so ne The Man Who Came in From the Back of Beyond no too dwa. Wɔ saa afe no ara mu no wɔde ne nhoma The Sympathetic Undertaker: and Other Dreams[7] no nso too dwa a Royal Court Theatre[4] na ɛfaa nhoma no ho ka. Wɔ afe 1992 mu no, wɔde abasobɔ a edin a na ɛda so ne Arts Council of Great Britain maa no, na eyi yɛ sika dodoɔ bi a na ɛbɛboa no ama wɔatumi atoa ne nhomatwerɛ no so.[7][8][9]

Adwuma[sesa]

Nhomatwerɛ[sesa]

Nhoma ahorow a Bandele twerɛw no fa ayɛsɛm, agodiebea, nsɛm ho ammaneɛbɔ, television so dwumadi, sini ne radio so nsɛm ho.

Bnadele ne London's Royal Court Theatre ne Royal Shakespeare Company yɛɛ adwuma, na afei nso wɔtwerɛɛ ayɛsɛm ahoroɔ a wɔyɛ wɔ radio ne television so[10]. Ayɛsɛm ahorow a wɔyɛɛ no bi ne; Rain[11]; Marching for Fausa (1993)[12]; Resurrections in the Season of the Longest Drought (1994)[13]; Two Horsemen (1994)[14], a wɔpaw sɛ Agodie a ɛyɛ soronko koraa wɔ afe 1994 mu wɔ London New Plays Festival ase; Death Catches the Hunter ne Me and the Boys[15] (wɔkaa ne nyinaa bɔɔ mu too dwa wɔ afe 1995); ne Oroonoko, wɔhwɛɛ Aphra Behn ayɛsɛm a wɔyɛɛ so na ɛyɛɛ eyi[16]. Wɔ afe 1997 mu no, Bandele tumi hwɛɛ Chinua Achebe ayɛsɛm a wɔfrɛ no Things Fall Apart no so yɛɛ bi pɛpɛɛpɛ[3]. Afei nso, ɔhwɛɛ n'ankasa ayɛsɛm a ɛne The Street (1999) yɛɛ ayɛsɛm a ne din de Brixton Stories na woyii no afe 2001[17]. Wɔkaa ayɛsɛm yi ne Happy Birthday Mister Deka ayɛsɛm a wɔyii no afe 1999 a ɔno ara twerɛɛ no bɔɔ mu de too dwa[18][19].Bandele san nso hwɛɛ Lorca ayɛsɛm Yerma so yɛɛ bi pɛpɛɛpɛ wɔ afe 2001[3].

Na Bandele yɛ ɔtwerɛfo wɔ agodibea a ne din de Talawa Theatre Company firi afe 1994 kosi afe 1995[20], ɔsane tenaa Royal National Theatre Studio agodibea twerɛɛ agodie mu nsɛm wɔ afe 1996,[21] wɔne Judith E. Wilson kuw a ɛwɔ Churchill College, University of Cambridge, nso yɛɛ adwuma firi afe 2000 kosi 2001[22]. Wɔsan nso twerɛɛ ayɛsɛm a ɛne Royal Literary Fund mu nsɛm wɔ Bush Theatre firi afe 2002 kosi afe 2003[1][23].

Bandele twerɛɛ mfasoɔ a Owura John Osborne nhoma a ne din de Look Back in Anger a wɔtwerɛɛ no afe 1956 nyaa wɔ ne so. Na ɛyɛ nhoma a wɔtɔn no kɛse paa wɔ television so wɔ Nigeria atifi fam a wɔfrɛ no Railway town. Ɛmu nsɛm no bi ne sɛ:

"Ɛwom na me nkɔɔ beaɛ foforo biara ka Kafanchan ho, ɛwom sɛ minnim hwee fa nea ɛkɔɔ so wɔ ɔko no akyi wɔ British nkurow no mu, anaa Angry Young Men, anaa nsɛm a ɛfa Osborne ho bere a mehyiaa Jimmy Porter wɔ TV so...na ɛho nhia sɛ wɔka Jimmy ho nsɛm kyerɛ me: menim Jimmy me nkwa nna nyinaa".

Nwuma Afoforɔ[sesa]

Na ɛka mmeae a wɔde adwinne kyerɛ a ɛwɔ London ne New York no atrimpɔw ho sɛ wobɛda Bandele mfonini a wɔayɛ fa Lagos abrabɔ ho no adi akyerɛ nkurɔfo.

Ne Wuo Ho Nsɛm[sesa]

Bandele wui wɔ Lagos wɔ Ɔsannaa da a ɛtɔ so 7, afe 2022 bere a na w'adi mfie 54.Nea ɛyeɛ a ɛmaa owui no deɛ obiara nnim. Wɔyɛɛ n'ayie wɔ Ɛbɔ bosome no da a ɛtɔ so 23, afe 2022.

Ne Nhoma Atitiriw[sesa]

  • The Man Who Came in From the Back of Beyond, Bellew, 1991
  • The Sympathetic Undertaker: and Other Dreams, Bellew, 1991
  • Marching for Fausa, Amber Lane Press, 1993
  • Resurrections in the Season of the Longest Drought, Amber Lane Press, 1994
  • Two Horsemen, Amber Lane Press, 1994
  • Death Catches the Hunter/Me and the Boys, Amber Lane Press, 1995
  • Chinua Achebe's Things Fall Apart (adaptation), 1999
  • Aphra Behn's Oroonoko (adaptation), Amber Lane Press, 1999
  • The Street, Picador, 1999
  • Brixton Stories/Happy Birthday, Mister Deka, Methuen, 2001
  • Burma Boy, London: Jonathan Cape, 2007. Published as The King's Rifle in the US and Canada (Harper, 2009).

Ayɛsɛm Ne Sini Ahoroɔ[sesa]

  • Half of a Yellow Sun – feature film, 2013
  • Fifty – feature film, 2015
  • Shuga – television series, Season 3 (Shuga Naija), 2013
  • Blood Sisters – Netflix Nigerian Original series, 2022
  • Elesin Oba, The King's Horseman – Ebonylife TV / Netflix co-production, feature film, 2022

Abasobɔ Ahorow[sesa]

  • 1989 – International Student Playscript Competition – Rain
  • 1994 – London New Play Festival – Two Horsemen
  • 1995 – Wingate Scholarship Award
  • 2000 – EMMA (BT Ethnic and Multicultural Media Award) for Best Play – Oroonoko

Beaɛ a nsɛm no firi[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 Bandele, Biyi | Encyclopedia.com, retrieved 2023-05-27
  2. Prolific Filmmaker Biyi Bandele Dies at 54 – THISDAYLIVE, retrieved 2023-05-28
  3. 3.0 3.1 3.2 Eugene Benson, L. W. Conolly (2004-11-30), Encyclopedia of Post-Colonial Literatures in English (in English), Routledge, ISBN 978-1-134-46848-5, retrieved 2023-05-28
  4. 4.0 4.1 4.2 Isa Soares,Lauren Said-Moorhouse (2014-03-04), Biyi Bandele: Making movies to tell Africa's real stories (in English), retrieved 2023-05-28
  5. Atoke (2013-09-27), BN Trailblazers & Tastemakers: Nigerian Playwright, Novelist & Film Director Biyi Bandele – From Growing Up in Kafanchan to Directing ‘Half of A Yellow Sun’ & ‘Shuga’! (in American English), retrieved 2023-05-28
  6. Aphroden.com // Ace Photo, Video and Media studios based in Lagos Nigeria, retrieved 2023-05-28
  7. 7.0 7.1 Margaret Busby (2022-10-03), "Biyi Bandele obituary", The Guardian (in British English), ISSN 0261-3077, retrieved 2023-05-28
  8. Global Upfront (2022-08-17), Biyi Bandele Who Came In From The Back Of Beyond, By Uzor Maxim Uzoatu (in American English), retrieved 2023-05-28
  9. International Who's Who of Authors and Writers 2021 (in English), retrieved 2023-05-28
  10. Biyi Bandele | The MacMillan Center Council on African Studies, retrieved 2023-05-28
  11. Guardian Nigeria (2019-08-18), Biyi Bandele’s Rain set for the stage in Lagos (in American English), retrieved 2023-05-28
  12. Marching for Fausa | BPA, retrieved 2023-05-28
  13. Resurrections in the Season of the Longest Drought | BPA, retrieved 2023-05-28
  14. Two Horsemen | BPA, retrieved 2023-05-28
  15. Death Catches the Hunter | BPA, retrieved 2023-05-28
  16. Oroonoko | BPA, retrieved 2023-05-28
  17. Brixton Stories (Or the Short and Happy Life of Ossie Jones) | BPA, retrieved 2023-05-28
  18. Cooperation: German Premiere "Half of a Yellow Sun” - AfricAvenir International (in French), archived from the original on 2023-05-28, retrieved 2023-05-28
  19. Happy Birthday Mister Deka D | BPA, retrieved 2023-05-28
  20. Bandele; Biyi | BPA, retrieved 2023-05-28
  21. Leigh, Mike, (born 20 Feb. 1943), dramatist; theatre and film director (in English), doi:10.1093/ww/9780199540884.001.0001/ww-9780199540884-e-24231;jsessionid=917775921b00459ccd5182827e5c2fc5, retrieved 2023-05-28
  22. Curtis Brown, retrieved 2023-05-28
  23. Craig Literary, archived from the original on 2023-05-28, retrieved 2023-05-28