Jump to content

Beatrice Agyeman Abbey

Ɛfi Wikipedia

Beatrice Agyemang yɛ Ghana Dwumayɛfoɔ Panyin wɔ Media General, Ghana dawurobɔ dwuma kɛse bi a ɛwɔ TV3, Onua FM, 3FM, Connect FM, Akoma FM, ne MG Digital, ne afoforɔ no sohwɛfoɔ panin. Wɔ afe 2021 mu no, wɔmaa no abasobɔdeɛ sɛ Outstanding Broadcast Media CEO of the Year wɔ Ghana Entrepreneur ne Corporate Executive Awards mu.

Beatrice fii n’adwuma ase wɔ afe 2000 mu sɛ amanneɛbɔfo, afei na ɔyɛ Broadcast Journalist ne News Anchor . Wɔ afe 2017 mu no, ɔbɛyɛɛ Dwuamyɛ panin ma Media General. Na ɔyɛ Media General Digital no Titenani bɛboro afe ne Media General Radio sohwɛfo panyin bere bi. Wabisabisa nnipa titire te sɛ John Agyekum Kufuor, John Mahama, ne Ellen Johnson Sirleaf nsɛm . Ɔne dawurobɔ nnwuma akɛse te sɛ BBC, Sky TV, Citizen TV, CNN, VOA, ne Kiss TV ayɛ adwuma wɔ Kenya .

Adwuma

[sesa]

Wɔagye Beatrice Agyemang atum wɔ Avance Media 2023 nkrataa a ɛfa Afrika Mmaa Ɔha a Wɔanya Nkɛntɛnso Kɛse no ho. Ghana dawurobɔ nnwuma ahodoɔ a ɛwɔ anim no mu baako a odi anim. Beatrice Agyemang, a ɔyɛ Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA) no muni a wagye din no de ne suapɔn abodin mmienu a onya fii asoɛe no mu no dii dwuma sɛ n’adwuma a agye din wɔ dawurobɔ adwuma mu no fapem.

Nhomasua

[sesa]

Ɔnyaa ne suapɔn abɔdin krataa a ɛdi kan ne nea ɛtɔ so no wɔ GIMPA.

Abasobɔdeɛ

[sesa]
  • Ɛwɔ Ɛbɔ bosome afe 2020 mu, wɔmaa no abasobɔdeɛ a ɛne Excellence in Media wɔ Ghana Mmaa ɛma saa afe no.Glitz Africa na ɛyɛ saa dwumadie yi.
  • Ɛwɔ Kotonimma bosome afe 2021 mu no,wɔmaa no abasobɔdeɛ sɛ ɔpanin a ɔsen obiara wɔ Dawurubɔ Nsɛntwerɛni mu wɔ Afe no mu wɔ Ghana Entrepreneur and Corperate Awards.Ghana Entrepreneurs Foundation(EFG) na ɛhyehyɛ saa dwumadie yi.