Beatrice Aboyade
- Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Beatrice Olabimpe Aboyade | |
|---|---|
| Awo bere | Ɔsanaa 24, 1935 |
| Owu bere | Ɔbɛnem 3, 2023 (ɔdii mfeɛ 87) |
| Sukuu a w'akɔ | University of Ibadan University of Michigan |
| N'adwuma | Nwomakorabea Sohwɛfoɔ |
| Nehokani | Ɔbenfo Ojetunji Aboyade (a ɔkɔ ne kraa akyi) |
| Children | Ɛnan (4) |
Beatrice Olabimope Aboyade (24 Ɔsanaa 1935 – 3 Oforisuo 2023) yɛ Nigeriani nwomakorabea sohwɛfoɔ ne Nwomakorabea Adesua ho ɔbenfoɔ wɔ Ibadan Suapɔn(University of Ibadan) mu. World Encyclopedia of Library and Information Services buu no sɛ ɔkwanpaefoɔ wɔ Nwomakorabea Ho Nsɛm mu wɔ Nigeria.[1] Aboyade yɛɛ adwuma wɔ University of Ibadan ne University of Ile-Ife Nhomakorabea.[2][3][4]
N'asetena mfitiaseɛ ne ne nwomasua
[sesa]Aboyade nyaa ne mfitiaseɛ nwomasua wɔ Christ’s Church Mfitiaseɛ Sukuu, a ɛwɔ Porogun, Ijebu Ode.[5] Ɔkɔɔ Queen's College, Lagos, kɔtoaa n'adesua so wɔ afe 1948 de kɔsi afe 1951. Wɔ 1952 ne 1953 ntam no, ɔwiee ne ntoasoɔ sukuu wɔ Queen's College, Ede. Ɔnyaa n'abodin krataa a edi kan wɔ Borɔfo kasa mu wɔ Ibadan Sukuupɔn mu wɔ afe 1960 mu. Wɔ afe 1964 mu no, ɔtoaa so nyaa abodin nkrataa afoforɔ wɔ University of Michigan. Wɔ afe 1970 mu no, owiee ne Doktorate abodin krataa wɔ Ibadan Sukuupɔn mu.
N'adwuma
[sesa]Aboyade amfiti prɛko pɛ anya diberɛ sɛ nhomakorabea sohwɛfoɔ, na mmom ɔde berɛ tiawa bi tenaaa Nigeria Broadcasting Corporation ansa na ɔrebɛka Ibadan Sukuupɔn nhomakorabea hɔ sɛ nhomakorabea sohwɛfoɔ boafoɔ wɔ afe 1962 mu. Ankyɛre na ɔfaa dibea foforo sɛ nwomakorabea sohwɛfoɔ panyini wɔ Ife Sukuupɔn mu wɔ afe 1965 mu. Mfeɛ mmiensa akyi no, ɔsane kɔɔ Ibadan Sukuupɔn mu kɔdii wɔn Akenkanfoɔ Dwumadibea no anim. Wɔ afe 1972 mu no, ɔfitii aseɛ kyerɛɛ adeɛ wɔ hɔ, berɛ a ɔbɛyɛɛ sukuupɔn mu ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ nwomakorabea nyansahunu asoɛyɛ no.[6]
Wɔ afe 1978 mu no, wɔmaa no so firii ɔkyerɛkyerɛfoɔ panyin dibea hɔ, na wɔyɛɛ no Nwomakorabea Adesua ho Ɔbenfo wɔ Ibadan Sukuupɔn mu.[6] Ɔsomm suapɔn no sɛ Nhomakorabea, Nneɛmakorabea ne Amanneɛbɔ Adesua Dwumadibea panyin wɔ sukuupɔn no mu.[7] Ɔsan nso dii Rural Development Information System (RUDIS) dwumadie no so, dwumadie a ɛmaa amanneɛbɔ ne nsɛmpɛ ɛkɔɔ soro maa nkuraasefoɔ wɔ Afrika.[2] Adwuma a ɔne RUDIS yɛeɛ no daa no adi sɛ Nigeria nkuraseɛ nwomakorabea ahodoɔ no di dwumadie titire wɔ nkuro no mu. Wɔde nhomakorabea nhoma ahodoɔ no kyerɛɛ sɛnea wobetumi ama nneɛma ne akadeɛ bi te sɛ akwan, anyinam ahoɔden, sikasɛm ne nsuo a ɛnam dorobɛn mu atu mpɔn. Na akenkanfoɔ bɛhu nwuma a ɛmfiri mpɔtamo hɔ ho akwanya, ne nsɛm a ɛfa nnuru a wɔde yɛ nnɔbaeɛ (ɔyɛ-asaase-yie) ne adwadie akwan ahodoɔ ho.[6]
N'asetena mu nsɛm
[sesa]Ɔwaree Ɔbenfo Ojetunji Aboyade, Economics ho ɔbenfo, fiti afe 1961 kɔsi ne wuo wɔ afe1994 mu.[7][8]
Owuo
[sesa]Beatrice Aboyade wuiɛ wɔ Ɔbɛnem 3, 2023, berɛ a na w'adi mfeɛ aduonwɔtwe-nson (87).[9]
Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ
[sesa]- ↑ Abodunrin, Akintayo (26 March 2023). "Aboyade, Africa's first female PhD in English Literature, for burial". Tribune Online. Archived from the original on 22 May 2025. Retrieved 4 February 2025.
- 1 2 Wedgeworth, Robert (1993). World Encyclopedia of Library and Information Services. Chicago: American Library Association. pp. 1. ISBN 9780838906095.
- ↑ Nigerian Women Annual: Who's Who, Gito & Associates, 1990, p. 15, ISSN 0795-7807
- ↑ "Beatrice Aboyade". Archived from the original on 19 May 2021. Retrieved 19 May 2021.
- ↑ Abodunrin, Akintayo (26 March 2023). "Aboyade, Africa's first female PhD in English Literature, for burial". Tribune Online. Retrieved 4 February 2025.
- 1 2 3 Robert, Wedgeworth (1993) (1993), World Encyclopedia of Library and Information Services (3 ed.), America: America Library Association, p. 1, ISBN 0838906095, retrieved 8 February 2019
{{citation}}: CS1 maint: date and year (link) - 1 2 "ABOYADE, Prof. (Mrs.) Beatrice Olabimpe". Biographical Legacy and Research Foundation. 19 July 2016. Archived from the original on 1 July 2019. Retrieved 9 June 2018.
- ↑ Webmaster (9 September 2012). "Tribute: Aboyade and the burden of national progress". Daily Trust. Archived from the original on 24 December 2022. Retrieved 24 December 2022.
- ↑ "Africa's First Female Doctor of English Literature Is Dead". Naija News. 26 March 2023. Archived from the original on 2 September 2023. Retrieved 2 September 2023.